Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 9/15 kr. 21-24
  • Sɛnea Wobɛkɔ So Anya Anigye Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wobɛkɔ So Anya Anigye Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abasamtu Ano a Wogyina
  • Afoforo a Yɛne Wɔn Bɛbɔ
  • Bere a Woyare
  • Anigye a Yɛbɛkɔ So Anya Ɛmfa Ho Ɔmamfo Anibiannaso
  • Nkuranhyɛ a Efi Afoforo Hɔ
  • Yehowa Anigye—Yɛn Abannennen
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 9/15 kr. 21-24

Sɛnea Wobɛkɔ So Anya Anigye Wɔ Bere Nyinaa Som Adwuma No Mu

BIBLE nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu no kyerɛ pefee sɛ yɛte nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri no mu. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo nim eyi nti, wɔde bere dodow a wobetumi biara retrɛw N’ahenni ho asɛmpa no mu. Yehowa Adansefo bɛboro 600,000 na wɔayɛ nhyehyɛe wɔ wɔn asetra mu na ama wɔatumi de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔn mu binom yɛ bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo a wɔfrɛ wɔn akwampaefo. Afoforo yɛ Betel adwumayɛfo wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti anaa ne baa dwumadibea ahorow no hɔ. Afoforo nso yɛ asɛmpatrɛwfo ne ahwɛfo akwantufo.

Bible kyerɛ sɛ nna a edi akyiri mu no, “mmere a emu yɛ den” bɛba. (2 Timoteo 3:1-5) Hela Bible Kyerɛwnsɛm no de asɛm bi a wobetumi akyerɛ ase “mmere a wɔahyɛ a ɛyɛ hu” na edi dwuma. Enti, ɛnsɛ sɛ obiara hwɛ asetra a ɔhaw biara nnim kwan wɔ yɛn bere yi mu. Wɔ Kristofo asomfo bi fam no, ɛte sɛ nea ɔhaw no mu yɛ den araa ma ebia wobebisa wɔn ho sɛ, ‘So metumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no, anaa ɛsɛ sɛ migyae?’

Tebea horow bɛn na ebetumi ama obi ayɛ ne nsɛm tebea mu nhwehwɛmu sɛ ɔkwampaefo, Betel dwumayɛni, ɔhwɛfo kwantufo anaa ɔsɛmpatrɛwfo? Ebia na ɔwɔ yare bi a emu yɛ den. Ebia obusuani bi a ne mfe akɔ anim anaa wayɛ mmerɛw hia ɔhwɛ bere nyinaa. Ebetumi aba sɛ awarefo bi afi ase rewo. Ɛnsɛ sɛ obiara a ogyae bere nyinaa som adwuma esiane saa ntease yi ne afei Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow nti no te aniwu nka sɛ wayɛ nsakrae a ɛte saa.

Na sɛ obi reyɛ nhyehyɛe agyae bere nyinaa som adwuma esiane anigye a onni nti nso ɛ? Ebia ɔkwampaefo bi hu sɛ ne som adwuma no nsow aba ma enti obisa sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so de me ho bɔ afɔre bere a nnipa kakraa bi pɛ na wotie no?’ Ebia Betel dwumayɛni bi ani nnye ne dwumadi ho. Anaasɛ ebetumi aba sɛ bere a ɛnyɛ sɛ akwampae adwuma no na ontumi nyɛ no, yare bi a ɛhaw adwene bɛma obi ahwere n’anigye awiei koraa. Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔte saa no betumi akɔ so anya anigye? Ma yensusuw nea asomfo bi a wɔn ho akokwaw ka ho.

Abasamtu Ano a Wogyina

Anny a ofi Switzerland no, kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi wɔ 1950 mu. Ná ɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛma no dwumadi sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne. Bere a wɔmaa no Betel dwumadi wɔ Europa no, Anny abam bui. Nanso, ogyee ne dwumadi wɔ Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea hɔ no toom, na ɔda so ara reyɛ saa adwuma no. Ɔkwan bɛn so na odii n’abasamtu no so? Anny kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná adwuma pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Me nkate ne nea mepɛ ho nhia sɛ adwuma no.”

Sɛ yɛn abam bu wɔ yɛn dwumadi ho a, ebia yebetumi anya Anny su no bi. Ɛnyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ no na ehia titiriw. Nea ehia titiriw ne sɛ yebedi Ahenni asɛm no a yɛbɛtrɛw mu no ho asɛyɛde biara ho dwuma yiye. Mmebusɛm 14:23 ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔbrɛ nyinaa mu wɔ nnɔbae.” Ɛmfa ho dwumadi biara a wɔde ama yɛn no, nokwaredi mu a yebefi adi ho dwuma no boa ma yɛyɛ Ahenni adwuma no. Na abotɔyam kɛse—yiw, anigye—betumi afi adwuma a ɛte saa a Onyankopɔn de ama no mu aba.—Fa toto 1 Korintofo 12:18, 27, 28 ho.

Afoforo a Yɛne Wɔn Bɛbɔ

Nea ɛka bere nyinaa som adwuma no ho ne sɛ obi ne nnipa ahorow nyinaa benya nkitahodi kɛse—wɔ asɛnka adwuma no mu, wɔ Betel, wɔ asɛmpatrɛwfo fie, anaasɛ bere a ɔresrasra asafo ahorow sɛ ɔhwɛfo kwantufo no. Enti, anigye a obi benya no gyina sɛnea ɔne afoforo bɛbɔ kɛse no so. Nanso, ‘mmere a ɛyɛ hu’ a wɔka siei sɛ ɛbɛba nna a edi akyiri yi mu no de ɔhaw kɛse aba nnipa abusuabɔ mu. Ɔkwan bɛn so na ɔsomfo bi betumi akwati sɛ ɔbɛhwere n’anigye bere a obi ahyɛ no abufuw mpo no? Ebia yebetumi asua biribi afi Wilhelm hɔ.

Wilhelm bɛyɛɛ Betel abusua no muni wɔ Europa wɔ 1947 mu. Ɛno akyi no, ɔde bere kakra somee wɔ akwampae adwuma no mu, ne ɔhwɛfo kwantufo wɔ ɔsom adwuma no mu. Wilhelm kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ me ne me yere hu nneɛma bi a yesusuw sɛ ɛnteɛ anaa ɛhaw yɛn ankasa a, yɛka sɛnea yɛte nka no kyerɛ Yehowa, na afei yegyae nsɛm mu ma no sɛ onni ho dwuma.”—Dwom 37:5.

Ebia ɔyɔnko Kristoni bi a ɔkasa kyerɛɛ wo animtiaabu kwan so anaasɛ wankasa yiye no nneyɛe ahaw w’ankasa. Kae sɛ yɛn nyinaa fom mpɛn pii wɔ yɛn kasa mu. (Yakobo 3:2) Dɛn nti na wonkɔ “Mpaebɔ tiefo” no hɔ wɔ saa tebea yi mu? (Dwom 65:2) Ka asɛm no kyerɛ Yehowa, na gyaw ma no. Sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ nsakrae a, ɔbɛyɛ saa. Ebia wɔn a wɔte asɛmpatrɛwfo fie no behia sɛ wɔma eyi tra wɔn adwene mu bere a wohyia adwennwen wɔ nsɛm a ɛtete saa ho no, efisɛ eyi bɛboa wɔn ma wɔakɔ so anya Yehowa adwuma mu anigye.

Bere a Woyare

Nnipa kakraa bi na wonya akwahosan pa bere nyinaa. Ebia adwenemhaw anaa ɔyare bɛhaw wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔasi so no mpo. Ɔyare ma ɛho behia sɛ ebinom gyae bere nyinaa som adwuma no, nanso ɛno akyi no wɔyɛ adwuma pa sɛ Ahenni adawurubɔfo. Nanso, afoforo tumi yɛ bere nyinaa som adwuma no ɛmfa ho sɛ wɔyare. Sɛ nhwɛso no, susuw Hartmut ne Gislind ho hwɛ.

Hartmut ne Gislind yɛ awarefo a wɔde mfe 30 asom sɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ne akwantu adwuma no mufo. Wɔn baanu nyinaa ahyia yare a emu yɛ den a ɛtɔ mmere bi a, ɛma wɔhaw wɔ honam ne nkate fam. Nanso, wɔayɛ adwuma pa, na wɔatumi ahyɛ afoforo a wɔrehyia tebea a ɛte saa ara no nkuran. Afotu bɛn a wɔde ma? “Hwɛ nea ɛwɔ w’anim na ɛnyɛ nea atwam. Yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ tebea biara mu. Ebia da foforo biara de hokwan biako pɛ a wode beyi Yehowa ayɛ na ɛbɛma. Fa saa hokwan no di dwuma, na nya mu anigye.”

Susuw Hannelore asɛm no ho. Ɔyare a wɔsa a na asan aba ahaw no wɔ ne mfe 30 a ɔde ayɛ adwuma sɛ ɔkwampaefo, ɔsɛmpatrɛwfo, ɔne ne kunu de ayɛ akwantu adwuma no, na wɔde asom wɔ Betel no mu. Hannelore ka sɛ: “Mede m’adwene si ɔsɛmpɔw a Satan ma ɛsɔree no so—sɛ́ nnipa som Yehowa bere a ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa no nkutoo. Sɛ migyina sɔhwɛ mu a, me nso metumi akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo.” Eyi betumi akanyan wo kɛse. Kae sɛ sɛ wowɔ sɔhwɛ mu a, nokware a w’ankasa wubedi ama Yehowa no yɛ nea ɛho hia no.—Hiob 1:8-12; Mmebusɛm 27:11.

Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wubesi w’akwahosan ho gyinae a ɛkari pɛ a, susuw nneɛma abien a ɛwɔ Yesu Kristo nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe awiei ho mu no ho. Yesu hyɛɛ yaredɔm a ɛbɛba mmeae mmeae ho nkɔm. Ɔkae nso sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa.” (Mateo 24:3, 14; Luka 21:11) Ná Yesu nim sɛ nna a edi akyiri mu no, n’akyidifo ne yare bedi asi. Nanso ohui sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ akwahosan pa nkutoo na wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no, na mmom, nnipa a wonya yare a emu yɛ den no nso. Sɛ yetumi tra bere nyinaa som adwuma no mu ɛmfa ho sɛ yɛyare a, Yehowa werɛ remfi ɔdɔ a yɛkyerɛ wɔ ne din ho no.—Hebrifo 6:10.

Anigye a Yɛbɛkɔ So Anya Ɛmfa Ho Ɔmamfo Anibiannaso

Sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ Ahenni asɛnka adwuma no ho no betumi aka yɛn nneyɛe. Ɔsomfo bi a ne ho akokwaw kae sɛ: “Etumi yɛ den ma akwampaefo mpo sɛ wɔne ofiewura befi nkɔmmɔbɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pere na yɛakɔ so anya anigye.” Yiw, ɔmamfo anibiannaso betumi abrɛ yɛn anigye ase wɔ asɛnka adwuma no mu. Enti ɔkwan bɛn so na ɔkwampaefo a ohyia anibiannaso betumi akɔ so anya anigye? Asomfo a wɔwɔ osuahu de nyansahyɛ ahorow a edidi so yi a wɔasɔ ahwɛ na wɔahu sɛ eye no ma.

Anibiannaso de asɛnnennen ba, nanso ɛnkyerɛ nkogudi. Anibiannaso a atrɛw no ankasa nyɛ ade a ɛsɛ sɛ yegyina so gyae bere nyinaa som adwuma no. Sɛ yegye bere a ɛfata sua Kyerɛwnsɛm no anibere so a, yebetumi akɔ so anya anigye bere a yehyia anibiannaso no. ‘Esiesie yɛn ma adwuma pa biara,’ na nea ɛka ho ne wɔn a wontie asɛmpa no a yɛbɛkasa akyerɛ wɔn. (2 Timoteo 3:16, 17) Ɛwom sɛ na nkurɔfo mpɛ sɛ wotie odiyifo Yeremia de, nanso ɛno amma wannyae. (Yeremia 7:27) Bere a yɛnam Kristofo nhoma ahorow mmoa so sua Bible no, sɛ yɛhyɛ nsusuwii horow a ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛboa yɛn ma yegyina anibiannaso ano no nsow a, yebetumi anya mu mfaso kɛse.

Bere a yɛagye atom sɛ anibiannaso yɛ asɛnnennen no, momma yɛnyɛ su a yɛda no adi kyerɛ wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no mu nhwehwɛmu. Dɛn nti na wɔyɛ anibiannaso? Sɛ nhwɛso no, ade biako a ama anibiannaso atrɛw wɔ Europa no ne dimmɔne a atoro som anya no. Nkurɔfo nte nka bio sɛ nyamesom wɔ gyinabea bi wɔ wɔn asetram, na saa ara nso na wɔmpɛ ho biribiara. Ehia sɛ yɛyɛ fakaa, na yɛka nsɛm a ɛfa nkurɔfo ho, te sɛ adwuma a wonnya nyɛ, akwahosan, nsɛmmɔnedi, nneɛma a wonnya ho koma, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, ne ɔko ho ahunahuna, ho asɛm kyerɛ wɔn.

Sɛ yɛredi kan ne ofiewura bi akasa a, yebetumi aka ade bi a ɛhɔfo ani gye ho ho asɛm. Saa na Dietmar bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ bere a na ɔreka asɛm no wɔ akuraa bi a nkurɔfo ntie asɛm no ase. Ɛhɔfo no biako kae sɛ asiane bi sii akuraa no ase da a etwaam no. Ɛno akyi no, ɔpon biara a Dietmar bɛkɔ ano no, na odi asiane no ho yaw kɛse. Ɔkae sɛ: “Amonom hɔ ara, nkurɔfo no fii ase buaa me. Ná asiane no ho asɛm wɔ obiara adwene mu. Me ne nkurɔfo pii bɔɔ nkɔmmɔ saa da no esiane sɛ mekyerɛɛ wɔn asetra ho anigye nti.”

Baabiara a yebehyia nkurɔfo no, ɛsɛ sɛ yedi Ahenni no ho adanse kyerɛ wɔn. Bɔnnɔ so adansedi betumi asow aba, na yebetumi atete yɛn ho wɔ saa dwumadi yi mu denam nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ Bible ho nhoma ahorow mu a yɛde bedi dwuma no so. Yebetumi anya anigye afi nsɛm kakraa bi a yɛbɛka akyerɛ ofiewura bi wɔ adamfofa kwan so anaa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a yɛde bɛma no no mu. Sɛ yɛakɔsra onigyeni bi ne no afi Bible adesua ase a, yebetumi anya obi foforo denam eyi a yebebisa so: “Wunim obi foforo a ɔpɛ sɛ osua Bible no?” Eyi betumi akowie ofie Bible adesua foforo mu. Sɛnea ɛte biara no, momma yennya adwempa, na yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu, a yɛremma anibiannaso nnye yɛn asabawmu.

Nkuranhyɛ a Efi Afoforo Hɔ

Jürgen ne Christiane ayɛ akwampae ne akwantu adwuma no bɛboro mfe 30 ni. Bere bi wɔmaa wɔn dwumadi a na ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔka asɛm no wɔ beae bi a na nkurɔfo dodow no ara yɛ anibiannaso ne mpi. Hwɛ sɛnea Jürgen ne ne yere pɛe sɛ wonya awerɛkyekye bi! Nanso, esiane biribi nti, afoforo a wɔwɔ asafo no mu no anni wɔn ahiade ho dwuma.

Enti Jürgen fi osuahu mu nim sɛ “akwampaefo bi hyia nsɛnnennen. Wohia nkuranhyɛ pii afi mpanyimfo ne adawurubɔfo foforo hɔ.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Yosua nkuran na ɔnhyɛ no den. (Deuteronomium 3:26-28) Na ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. (Romafo 1:11, 12) Ahenni adawurubɔfo betumi ahyɛ wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu nkuran denam nsɛm a ɛma denhyɛ ne asɛnka a wɔne wɔn bɛkɔ bere ne bere mu no so.

Yehowa Anigye—Yɛn Abannennen

Kristofo a wɔde wɔn asetra mu bere kɛse no ara ayɛ akwampae anaa asɛmpatrɛw adwuma, asom wɔ Betel, anaa wɔasrasra asafo ahorow wɔ akwantu adwuma mu no ahu sɛ ɔhaw no mu dodow no ara yɛ bere tiaa mu de, nanso ebi kyɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔhaw kakra a ɛte sɛ nea emfi hɔ da no mpo ma yedi awerɛhow. Ramon a ɔde bɛboro mfe 45 asom wɔ amannɔne no de nyansahyɛ ma sɛ bere biara a ɔhaw bi ma yedi awerɛhow no, “ɛsɛ sɛ yesusuw nhyira pii a yɛwɔ ne afoforo mpempem pii a wohyia ɔhaw akɛse no ho.” Nokwarem no, yɛn mfɛfo gyidifo rehu amane wɔ wiase nyinaa, na Yehowa dwen yɛn nyinaa ho ankasa.—1 Petro 5:6-9.

Enti afei, sɛ yɛn ankasa tebea ma yɛn kwan ma yɛyɛ bere nyinaa som adwuma no na yɛtra mu a, momma yɛnkɔ so nnya anigye denam yɛn ho a yɛde bɛto yɛn soro Agya no so no so. Ɔhyɛ ne nkoa den, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae sɛ ‘Yehowa anigye ne yɛn abannennen.’—Nehemia 8:10.

[Kratafa 21 mfonini]

“Me nkate ne nea mepɛ ho nhia sɛ adwuma no”

[Kratafa 22 mfonini]

“Yɛka sɛnea yɛte nka kyerɛ Yehowa, na afei yegyae nsɛm mu ma no”

[Kratafa 23 mfonini]

“Yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ tebea biara mu. Ebia da foforo biara de hokwan biako pɛ a wode beyi Yehowa ayɛ na ɛbɛma”

[Kratafa 23 mfonini]

“Sɛ migyina sɔhwɛ mu a, me nso metumi akyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo”

[Kratafa 24 mfonini ahorow]

“Akwampaefo bi hyia nsɛnnennen. Wohia nkuranhyɛ pii afi mpanyimfo ne adawurubɔfo foforo hɔ”

[Kratafa 24 mfonini]

‘Ɛsɛ sɛ yesusuw nhyira pii a yɛwɔ no ho’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena