Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Nsɛnnennen a Wodi So Wɔ “Asase a Nsɛm Sisi Wɔ So Mpofirim” So
ƆSOMAFO Paulo bisaa afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔsa? Saa ara nso na sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moka no?”—1 Korintofo 14:8, 9.
Wɔ Papua New Guinea, nea ɛtɔ da bi a wɔfrɛ no Asase a Nsɛm Sisi Wɔ So Mpofirim no, Yehowa Adansefo hyia akwanside a ɛde abasamtu ba wɔ Bible no asɛm a emu da hɔ a wɔka no ho. Wɔka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔka kasa horow bɛboro 700 na wɔwɔ amammerɛ ahorow bebree no. Bio nso Adansefo no hyia nsɛnnennen a ɛfa mmepɔw so fa, akwan a wonni, ne nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim ho. Nsɛnnennen yi nyinaa nka mfuaw, wohyia ɔsɔretia fi nyamesom akuw bi ne ɛtɔ da bi a sukuu mpanyimfo mpo hɔ.
Nanso, honhom mu akwankyerɛ pa ne nhoma pii a wɔde sua Bible a ɛwɔ hɔnom kasa horow mu no resiesie Adansefo no ma wɔka asɛmpa no sɛ torobɛnto nnyigyei a emu da hɔ. Mpɛn pii no wotie asɛm no, sɛnea amanneɛbɔ ahorow a edidi so yi kyerɛ no:
• Bere a wɔrefi sukuu afe foforo ase no, ɔkyerɛkyerɛfo bi pɛe sɛ ohu nea enti a Yehowa Adansefo mmofra nkyia frankaa na wɔnto ɔman dwom no. Ɔtoo n’asɛmmisa no maa Maiola, sukuuni a wadi mfe 13 a ɔyɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu no. Maiola de nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a egyina Kyerɛwnsɛm no so mae. Ɔkyerɛkyerɛfo no gyee nea ɔkae no toom esiane sɛ na efi Bible no mu nti. Sukuu hɔ adwumayɛfo a wɔaka no nso tiee ne nkyerɛkyerɛmu no bi.
Akyiri yi, bere a wɔkae sɛ asuafo no nkyerɛw biribi ho asɛm no, Maiola paw asɛm a ɛfa Baasakoro ho. Ɔbɔɔ mmɔden sen obiara wɔ nea adesuakuw no kyerɛw no ho, na ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa no faako a onyaa asɛm no fii. Ɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a ɛwɔ Engiresi kasa mu no kyerɛɛ no. Ɔkyerɛkyerɛfo no de nhoma no kyerɛɛ adesuakuw no nyinaa, na wɔn mu pii pɛe sɛ wonya wɔn ankasa de. Ɛda a edi hɔ no, Maiola maa ne mfɛfo sukuufo no nhoma 14 ne nsɛmma nhoma 7, na ɔne wɔn mu baasa fii Bible adesua ase. Maiola botae ne sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa somfo.
• Ná Yehowa Adansefo kuw bi a atew ne ho a ɛwɔ mpoano akuraa bi a ɛbɛn Port Moresby ase no ahyia ɔsɔretia fi 1970 mfe no mfiase. Nanso, nnansa yi wonyaa mmoa fii baabi a na wɔnhwɛ kwan. United Church no sɔfo panyin, a ofi Papua New Guinea a ɔkɔɔ sukuu wɔ amannɔne no, maa atiefo no kwan da koro sɛ wommisa nsɛm wɔ asɔre. Ɔbarima bi bisae sɛ: “Ɔsom abien na ɛwɔ yɛn akuraa yi ase—United Church ne Yehowa Adansefo. Dɛn na yɛnyɛ sɛ Adansefo no ba yɛn fie a?” Bere a ɔsɔfo panyin no yɛɛ komm bere tenten bi akyi no, ɔmaa mmuae sɛ: “Minhu nea menka nkyerɛ wo ankasa. Nnansa yi ara Adansefo nkumaa baanu baa me fie. Wobisaa me asɛm bi, na ɛmfa ho ntetee a manya wɔ sukuupɔn mu no, na minnim mmuae no. Nanso wofii Bible no mu maa me mmuae a wɔammrɛ ho. Ɛno nti merenka nea ɛsɛ sɛ woyɛ nkyerɛ wo—migyaw ma w’ankasa. Sɛ wompɛ a, ntie, nanso nyɛ wɔn basabasa.”
Ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nanmusini a ɔkɔsraa Adansefo kuw yi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ akuraa no ase tiee Adansefo no bere a wɔkɔɔ asɛnka no. Ebinom mpo too nsa frɛɛ wɔn kɔɔ wɔn afie mu. Ɛyɛ Paradise ma asɛnka mprempren.”