Dɛn Nti Na Wɔyɛ Saa?
AFE biara, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa mu ɔpepem pii bom hyiam wɔ nhyiam akɛse ase. Sɛ wohyiam wɔ hɔ a, wɔbɔ fekuw san tie Bible nkyerɛkyerɛ ho dwumadi a etu mpɔn. Ebinom bɔ mmɔden kɛse ansa na wɔatumi akɔ nhyiam akɛse yi bi. Sɛ nhwɛso no, afe a etwaam no, awarefo bi a wɔadi boro mfe 60 a wɔwɔ Malawi ne wɔn babarima ne ne yere ne ne ba kumaa, de sakre twaa kwan kilomita 80 kɔɔ nhyiam akɛse no bi. Wofii wɔn akuraa ase anɔpa nnɔnsia na woduu faako a wɔreyɛ nhyiam no nnɔnhwerew 15 akyi.
Wɔ Mozambique no, kuw bi de sakre tuu kwan nnansa ansa na wɔredu nhyiam bi ase. Anadwo bi a na wɔabɔ nsra wɔ petee mu no, wɔtee sɛ agyata bi a wɔbɛn hɔ rebobom. Ɛwom sɛ wɔtotoo nnyina de pam mmoa no de, nanso agyata no anguan kosii adekyee. Ɔdansefo foforo a na ɔno nso reba nhyiam koro no ara bi no ne gyata bɔɔ mpu ne mpu wɔ kwan mu. Ogyinaa hɔ dinn a wankeka ne ho kosii sɛ gyata no kɔe. Adansefo yi de anigye kaa sɛnea ‘woyii wɔn fii gyata anom’ no ho asɛm wɔ nhyiam no ase.—2 Timoteo 4:17.
Egye mmɔdenbɔ kɛse wɔ Yehowa Adansefo pii fam ansa na wɔakɔ nhyiam akɛse anaa dapɛn dapɛn asafo nhyiam ahorow, akɔsom. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Nsɛm a edidi so no bɛboa wo ma woahu nea enti a hyia a wohyiam no ho hia saa.