Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/15 kr. 10-11
  • Nnipa Nkoa Anaa Onyankopɔn Asomfo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa Nkoa Anaa Onyankopɔn Asomfo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asiane a Ɛwɔ Nnipa Akyidi Mu
  • So Yehowa Adansefo Yɛ Sum Ase Kuw?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Moyɛ Amerika Matew-Me-Ho Kuw Bi Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nyamesom Ahofadi—Nhyira Anaa Nnome?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/15 kr. 10-11

Nnipa Nkoa Anaa Onyankopɔn Asomfo?

“YEHOWA ADANSEFO yɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wɔpɛ wɔn asɛm kakra.” Saa na Germanfo nhoma Seher, Grübler, Enthusiasten (Adaesofo, Adenimfo, Nsiyɛfo) ka. Ɛwom sɛ ɛkasa tia Adansefo no kakra de, nanso egye tom sɛ: “Wɔn mu dodow no ara bɔ bra a asɛm nni ho, na wɔn asetram gyinabea yɛ hɔ-ne-hɔ. Wɔde nsiyɛ ne ahonim pa na ɛyɛ adwuma, wɔyɛ ɔmamma a wɔmpɛ wɔn ho asɛm a wotua wɔn tow yiye. Wɔmfa wɔn ho nhyɛ sikapɛ mu ntra so. . . . Sɛnea wɔda su pa adi wɔ nhyiam horow ase no fata nkamfo. Wɔn ahofama te sɛ ɔsom foforo biara de; ɛdefa wɔn som adwuma ho no, wotwa afoforo nyinaa. Nanso nea ɛma wɔsen Kristofo asɔre ne kuw foforo biara wɔ yɛn bere yi so ne nketekrakye a emu yɛ den a wɔn mu dodow no ara de ka wɔn nkyerɛkyerɛ ho asɛm wɔ tebea biara ne asiane biara mu no.”a

Asɛmpa a wɔka faa wɔn ho yi nyinaa akyi no, nnipa binom bɔ mmɔden ka Yehowa Adansefo ho asɛm foforo koraa. Wɔ wiase aman dodow no ara mu no, Adansefo no ayɛ wɔn som adwuma no wɔ baguam mfe dudu pii a wonsiw wɔn kwan. Nnipa ɔpepem pii nim wɔn, wobu wɔn, na wogye tom sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ wɔn som adwuma no. Ɛnde dɛn nti na ebinom ntumi nhu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ?

Ebia ade biako a ama wɔn adwene atu afra ne sɛ, nnansa yi, nyamesom akuw foforo pii de wɔn ho ahyɛ mmofra mmonnaato, nnipa dodow ahokum, ne amumɔyɛfo ntua mu. Nokwasɛm ne sɛ, subammɔne a ɛte sɛɛ no wɔ baabiara, a enni nyamesomfo nkutoo mu. Nanso, nnipa pii mfa nyamesom nyɛ hwee bio, na ebinom mpo kyi.

Asiane a Ɛwɔ Nnipa Akyidi Mu

Wɔakyerɛ “mate-me-ho kuw” ase sɛ “kuw a wɔbata nkyerɛkyerɛ soronko anaa ɔkannifo bi ho.” Saa ara na “sum ase kuw” mufo nso nya “ahofama a emu yɛ den ma onipa, adwene, anaa ade bi.” Nokwarem no, nyamesom kuw biara a emufo bata akannifo a wɔyɛ nnipa ne wɔn adwenhorow ho denneennen no betumi adan nnipa nkoa. Sɛ nnipa nya abusuabɔ a egyina ɔkannifo bi so denneennen a, ɛma ɔkɛntɛn wɔn so sɛnea ɛnsɛ wɔ nkate ne honhom fam. Asiane no betumi ayɛ kɛse bere a wɔtete obi wɔ mate-me-ho kuw mu fi mmofraase no.

Wɔn a wɔwɔ ɔsom bi ho adwene a ɛte saa no hia nsɛm a edi mũ. Ebia na wɔaka akyerɛ wɔn mu binom sɛ Yehowa Adansefo wɔ nyamesom ahyehyɛde a ɛma emu nnipa yɛ nkoa, di wɔn so katee, siw wɔn ahofadi kwan sɛnea ɛnsɛ, na ɛma wɔyɛ nneɛma a ɛmfa kwan mu wɔ asetram mu.

Yehowa Adansefo nim sɛ saa nsɛm yi nyɛ nokware. Enti, wɔhyɛ wo nkuran sɛ w’ankasa hwehwɛ mu hwɛ. Bere a woatɔ wo bo ase ahwehwɛ mu awie no, w’ankasa si wo gyinae. So Adansefo no yɛ Nyankopɔn asomfo sɛnea wɔka no, anaasɛ wɔyɛ nnipa nkoa mmom? Ɛhe na wonya wɔn ahoɔden fi? Nsɛm abien a ɛwɔ nkratafa 12-23 no bɛma saa nsɛmmisa no ho mmuae a ntease wom.

[Ase hɔ asɛm]

a Ná atifi hɔ nsɛm no nni nea edi kan a wɔyɛɛ no 1950 no mu. Enti 1982 de a wɔayɛ nneɛma bi foforo wom no mu a epuei no kyerɛ sɛ nkurɔfo rete Yehowa Adansefo ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena