Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/1 kr. 21
  • “Wo Man Beyi Wɔn Yam Koraa Aba”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Wo Man Beyi Wɔn Yam Koraa Aba”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ɔpɛe sɛ Ɔboa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔbarima Ɔhantanfoɔ Brɛ Ne Ho Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Mfiase no Ɔyɛɛ Asoɔden Nanso Akyiri Yi Otiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/1 kr. 21

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Wo Man Beyi Wɔn Yam Koraa Aba”

SIRIA sahene, Naaman yare kwata. Sɛ wɔansa yare bɔne yi a, ebetumi adi no dɛm na akum no. Dɛn na Naaman bɛyɛ? Abeawa bi a na ɔyɛ ‘Israel asase so dommum’ ka wɔn a na wɔne Naaman te no ho. Ɔde akokoduru kasa, na ɔkyerɛ sɛ odiyifo Elisa na obetumi asa Naaman yare.—2 Ahene 5:1-3.

Esiane abeawa no akokoduru nti, Naaman kɔhwehwɛɛ Elisa, na ɔsaa no yare. Afei nso, Naaman bɛyɛɛ Yehowa somfo! Osuahu yi a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no sii wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. (2 Ahene 5:4-15) Ɛnnɛ, mmofra pii da akokoduru a ɛte saa ara adi de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso. Osuahu a edi so a efi Mozambique yi di ho adanse.

Nuno yɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a wadi mfe asia. Ansa na Nuno rebɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu mpo no, na ɔboaboa mmofra a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ no ano, bɔ mpae, na ɔde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no kyerɛkyerɛ wɔn Bible mu.

Mpɛn pii no, na Nuno sɔre Memeneda anɔpatutuutu kae n’abusua sɛ: “Ɛnnɛ, yɛbɛkɔ asɛnka.” Nsi a ɔyɛ wɔ ɔsom adwuma no ho no da adi wɔ akwan afoforo so. Sɛ Nuno ne n’awofo kɔyɛ mmorɔn so asɛnka adwuma wɔ Maputo a, n’ankasa taa kɔ nkurɔfo nkyɛn. Bere bi a wɔkɔe no, odwumayɛfo bi baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: “Dɛn nti na woretɔn nsɛmma nhoma yi?” Nuno kae sɛ: “Merentɔn nsɛmma nhoma no, na mmom migye ntoboa de boa asɛnka adwuma no.” Odwumayɛfo no buae sɛ: “Ɛwom sɛ m’ani nnye ho de, nanso m’ani gye wo suban ne wo mmɔdenbɔ ho. Mepɛ sɛ miyi ntoboa de boa adwuma yi.”

Bere foforo no, Nuno kɔɔ ɔbarima bi nkyɛn wɔ kwan ho de True Peace and Security—How Can You Find It? nhoma no kɔkyerɛɛ no. Ɔbarima no bisae sɛ: “So wonkɔ sukuu a ɛwɔ hɔ no?” Nuno buae sɛ: “Yiw mekɔ saa sukuu no, nanso ɛnnɛ mede asɛm bi a ɛho hia a ɛwɔ nhoma yi mu rebrɛ wo. Ɛkyerɛ sɛ wubetumi atra wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu, sɛnea ɛda adi wɔ mfonini a ɛwɔ nhoma yi mu yi.” Ná Nuno nnim sɛ ɔbarima a ɔne no kasae no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ ne sukuu mu. Ɛnyɛ nhoma no nko na ɔkyerɛkyerɛfo no gyei, na mmom mprempren, ogye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma nso fi Nuno hɔ daa.

Sɛ wobisa Nuno nea enti a n’ani gye sɛ ɔde ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu a, ɔka sɛ: “Mepɛ sɛ mekasa kyerɛ nkurɔfo na mekyerɛkyerɛ wɔn Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo ho ade.” Ɔde ka ho sɛ: “Na sɛ nkurɔfo mpɛ sɛ wotie a, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ ɛhaw me.”

Mmofra a wɔte sɛ Nuno ‘yi wɔn yam koraa’ kyerɛkyerɛ, na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ wɔ wiase nyinaa. (Dwom 110:3) Nanso eyi mma ara kwa. Awofo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma Yehowa ho ade fi wɔn mmofraase, yɛ nhwɛso pa wɔ ɔsom adwuma no mu, na wɔde nsi di Ahenni nneɛma akyi no, benya nhyira pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena