Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
‘Da Biara Wɔ Gua So’
ƆSOMAFO Paulo de hokwan biara a onyae no trɛw Ahenni asɛm no mu. Nea ɛbɛyɛ na wahwehwɛ wɔn a wɔfata no, ‘da biara na ɔne Yudafo a wɔwɔ hyiadan mu ne wɔn a ɔbɛto wɔn gua so’ no susuw nsɛm ho.—Asomafo no Nnwuma 17:17.
Nsiyɛ a ɛte saa ahyɛ Yehowa nokware asomfo agyirae fi afeha a edi kan Y.B. (Mateo 28:19, 20) Ɛnnɛ, saa ara na Yehowa Adansefo de akwan horow redi dwuma bere a wofi nsiyɛ mu boa komapafo ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ no. (1 Timoteo 2:3, 4) Osuahu a edi so a efi Australia yi yɛ eyi ho nhwɛso.
Nnanum, wɔ dapɛn biara mu no, Sid ne Harold hyehyɛ Bible nhoma ahorow de kyerɛ wɔ keteke gyinabea bi wɔ Sydney, na sɛ obiako kɔ nnɛ a, ɔkyena na ɔfoforo nso kɔ. Wɔnam saa kwan yi so aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm mfe anum ni. Sid, a wadi mfe 95 no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a midii mfe 87 no, na mintumi nka kar bio. Ɛma meyɛɛ basaa, efisɛ na m’ani gye baguam adansedi adwuma no ho. Da koro, bere a mabɛn akwantufo ahomegyebea bi a agye din a wɔfrɛ hɔ Echo Point wɔ Katoomba no, mihuu mfoniniyɛfo bi a ɔretɔn asase ho mfonini ahorow a wayɛ. Mehwɛɛ mfonini no yiye na meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Mewɔ mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ sen ɛno wɔ m’adansedi bag mu—na ne bo nso wɔ fam sen ɛno koraa!’ Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mesi pon na mahyehyɛ bi wɔ so wɔ baabi a nkurɔfo taa kogye wɔn ahome, na mama wɔn a wɔretwam no nsa aka Bible nhoma a emu mfonini yɛ fɛ a Yehowa Adansefo de ma no bi.
“Mfe anan a atwam no, mede pon no kɔɔ Sydney, na Harold bɛkaa me ho wɔ hɔ. Yɛakyɛ nna a yɛde gyina hɔ no ne bere a yɛne yɛn asafo yɛ adwuma no.” Harold, a mprempren wadi mfe 83 no ka sɛ: “Efi Dwoda kosi Fida no, nnipa kakraa bi na wɔwɔ fie. Enti Ahenni asɛm no a yɛka no saa kwan yi so no, de yɛn kɔ baabi a nkurɔfo wɔ. Ɛda adi sɛ nea efi mu ba ma yɛn no yɛ papa. Sɛ yɛhwɛ nhoma dodow a wɔma wɔ ɔman yi mu no a, ɛkyerɛ sɛ dodow a yɛma no da nsow.”
Sid ka sɛ: “Ɛwom sɛ yɛasi yɛn pon no wɔ mmeae horow anan anaa anum wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu de, nanso ɛnkyɛ na nkurɔfo ahu yɛn. Ebinom ba yɛn nkyɛn bɛpɛ nhoma. Afoforo nso wɔ nsɛmmisa a wɔpɛ ho mmuae. Na ebinom nso pɛ sɛ wɔne yɛn bɔ nkɔmmɔ simma kakraa bi pɛ.” Ɔserew kakra na ɔka sɛ: “Eyi nkutoo ne bere a minya me sankɔhwɛ.”
Harold de to so sɛ: “Nokwarem no, nnipa pii na wɔn ani gye Bible no ho. Wɔ ɔsram biako mu no, nnipa baanan na wofii ase ne Adansefo no suaa Bible no, esiane nhoma a wogye fii yɛn nkyɛn ne afei nsɛmmisa a yetumi fi Bible no mu de ho mmuae mae nti. Osuahu a ɛtete saa hyɛ yɛn nkuran kɛse.”
Te sɛ Sid ne Harold—ne ɔsomafo Paulo—no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ mmaa nyinaa de hokwan biara a wonya no trɛw wɔn asɛm a ɛho hia no mu. Ne saa nti, wɔkɔ so ka “asɛmpa” no wɔ “wiase nyinaa.”—Mateo 24:14.