Wobɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Wo Mma Ho Ban?
BERE a Wernera wiee sukuu bi a ɛwɔ ne mpɔtam hɔ no, ɔne mmofra foforo bɛyɛ 3,000 kɔtoaa wɔn adesua so wɔ São Paulo, Brazil. Bere a edi kan koraa wɔ n’asetra mu no, ohui sɛ mfɛfo sukuufo tɔn nnubɔne na wɔnom bi nso. Esiane sɛ na ne ho susua nti, ankyɛ na sukuufo a wɔanyin sen no no de wɔn ani sii ne so dwoodwoo no sɛ ɔnyɛ amma-ntɛm amanne ahorow bi a ɛyɛ aniwu na asiane wom.
Ná Werner nuabea Eva nso hyia nsɛnnennen. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara nti, osuaa ade denneennen araa ma ɔbrɛ ntraso ne adwenem basaayɛ kaa no. Te sɛ mmofra foforo no, na Werner ne Eva hia honam ne nkate fam ahobammɔ. Mmoa bɛn na wo mma hia? Wobɛyɛ dɛn atumi asiesie wɔn ama mpanyin mmere? Nokwarem no, daakye bɛn na wopɛ sɛ wo mma nya?
Ɛnyɛ Asetrade Nkutoo na Wohia
Fa bere kakra susuw asɛnnennen a awofo hyia wɔ ahobammɔ a wɔde ma wɔn mma nnɛ no ho hwɛ. Esiane sɛ abusua asetra agyigya na ohia adɔɔso nti, wɔ aman pii mu no, mmofra a wɔte mmɔnten so no redɔɔso. Nea ama wɔde mmofra yɛ adwuma de pɛ mfaso ne bɔ a wɔmmɔ wɔn ho ban mfi asisisɛm ho no. Nnubɔne nso sɛe mmofra pii. Sɛ nhwɛso no, bere a Brazilni abarimaa bi de no ho hyɛɛ nnubɔnenom mu ma ɛkaa ne hɔ no, ne fie annwo da. Sɛ dadwen a ɛbɛtɔɔ n’awofo so no da nkyɛn a, na wɔreyere wɔn ho apɛ sika a wɔde bɛko ne haw no, na na nnubɔne ho aguadifo a wonni ahummɔbɔ ba wɔn fie bɛdan wɔn ka.
Nanso, asetra mu abɛberɛsɛ nyinaa akyi no, awofo pii kɔ so mia wɔn ani ma wɔn mma aduan, ntade, ne dabere, san bɔ wɔn ho ban nso fi basabasayɛ, nnubɔnenom, ne ɔhaw afoforo ho. Eyi yɛ adwuma pa, nanso, so ɛno ara dɔɔso? Nkate ne honhom fam asiane a wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi ho nso ɛ? Nnipa pii hu sɛ nea ɛka mmofra ntetee pa ho ne sɛ awofo no bedi nsɛnnennen a ɛfa nnamfo a wɔn mma paw ne anigyede ho no ho dwuma. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na awofo atumi akwati sɛ wɔbɛyɛ nhyɛso dodo anaa abahyɛbɔne? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan ɛho mmuae wɔ asɛm a edi so no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛde din afoforo na adi dwuma wɔ asɛm yi mu.