“Ɛpo so Asiane Mu”
WƆ ANADWO dasu mu no, po so hyɛn bi a nnipa 276 wom baa Mediterranea supɔw bi ho. Akɔneaba a ahum a ɛretu wɔ nsu no so de ɛhyɛn no mu adwumayɛfo ne hyɛn no mufo dii nnafua 14 no ma wɔbrɛe. Bere a ade kyee na wohuu ɛpo faka bi no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano hɔ. Nanso hyɛn no anim kotimii a na entumi nkɔ, na asorɔkye no bɛbɔɔ hyɛn no akyi ma ebubui asinasin. Wɔn a wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wobefi mu aguare anaa wobebutuw ntaboo so anaa nneɛma foforo so akɔ Malta mpoano. Bere a na awɔw de wɔn na wɔabrɛ no, woguare fii asorɔkye a ɛrehuru kutukutu no mu. Na Kristoni ɔsomafo Paulo ka wɔn a wɔte hyɛn no mu no ho. Na wɔde no rekɔ Roma akodi n’asɛm.—Asomafo no Nnwuma 27:27-44.
Wɔ Paulo fam no, na Malta supɔw so asugu no nyɛ po so asiane a edi kan. Mfe kakra a edi eyi anim no, ɔkyerɛwee sɛ: “Magu asu mprɛnsa, madi ɛpo bun mu adekyee ne adesae.” Ɔde kaa ho sɛ wahyia “ɛpo so asiane.” (2 Korintofo 11:25-27) Ɛpo so akwantu boaa Paulo maa otumi dii asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ “amanaman mu somafo no ho dwuma.”—Romafo 11:13.
Na ɛpo so akwantu wɔ afeha a edi kan no mu te dɛn ankasa? Afã bɛn na enyae wɔ Kristosom a wɔtrɛw mu no mu? Na ɛyɛ dwoodwoo sɛn? Ahyɛn bɛn na na wɔde di dwuma? Na na wɔhwɛ ɛhyɛn mufo sɛn?
Sɛnea na Roma Hia Po so Aguadi
Na Romafo no frɛ Mediterranea no sɛ Mare Nostrum—Yɛn Po. Na ɛnyɛ asraadi nko nti na na ehia sɛ Romafo kɛntɛn po so akwantu so. Na Roma Ahemman no mu nkurow pii yɛ ahyɛn gyinabea na wɔde nneɛma faa hɔ brɛɛ ebinom nso. Sɛ nhwɛso no, na Roma po so hyɛn gyinabea no bɛn Ostia, na na Korinto nso de nea ɛwɔ Lechaeum ne Kenkrea no di dwuma, na Siria a ɛwɔ Antiokia no nso de Seleukia de no dii dwuma. Ɛpo so akwantu ho nhyehyɛe pa a na ɛda saa po so gyinabea ahorow yi ntam no maa nkitahodi kɔɔ so yiye wɔ nkurow akɛse no mu, na ɛmaa Roma man no mu nhyehyɛe tuu mpɔn.
Roma man no nso nam po so hyɛn adwuma no so na enyaa wɔn ano aduan. Roma kurow a na emu nnipa bɛyɛ ɔpepem biako no, na ehia awi a ɛdɔɔso yiye—bɛyɛ sɛ tɔn 250,000 kosi tɔn 400,000, afe biara. Na saa awi no nyinaa fi he? Flavius Josephus faa Herode Agrippa II nsɛm kae bere a na ɔreka sɛ Afrika Kusuu famfo maa Roma aduan asram awotwe afe biara, na Misraim nso de awi pii kɔboaa kurow no asram anan a aka no. Ahyɛn ɔpepem pii a na ɛredi akɔneaba wɔ po so no nyaa awi a wɔde kɔma kurow no mu kyɛfa.
Nea ɛbɛyɛ na wɔama Roma anya nneɛma a wɔpɛ no, po so aguadi a na ɛrenya nkɔso no maa wɔn aguade ahorow nyinaa bi. Wɔde fagude, ne abo, faa ɛpo so fii Kipro, Greece, ne Misraim, na wɔde nnua fii Lebanon. Wɔde nsa fii Smirna, aba fii Damasko, na wɔde nkeresia fii Palestina. Wɔde sradehuam ne amane fii Kilikia, asaawa fii Mileto ne Loadikia, ntama fii Siria ne Labanon, na wɔde ntama afasebiri fii Tiro ne Sidon. Wɔde nnuru a wɔde hyɛ ade fii Tiatira ne Aleksandria ne Sidon. Na wɔde sirikyi, ne asonse, ne ahuamhuamnne fii China ne India bae.
Dɛn na yebetumi aka afa hyɛn a na Paulo te mu, a eguu asu wɔ Malta po so no ho? Na ɛyɛ hyɛn a wɔde fa awi, “hyɛn a na efi Aleksandria kɔ Italia no.” (Asomafo no Nnwuma 27:6, ase hɔ asɛm) Na nsu ani ahyɛnkuw a ɛde awi ba no yɛ ankorankoro bi a wofi Hela, Foinike, ne Siria, a na wɔhwɛ so na wɔyɛ ho nhyehyɛe no de. Nanso, na ɔman no afɛm hyɛn no tua ho ka. Abakɔsɛm kyerɛwfo William M. Ramsay ka sɛ: “Wɔ ɛtow a wogyigye mu no, aban no hui sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔde adwuma no bɛbɔ paa sen sɛ obetintim mfiri pii de ayɛ adwuma kɛse a ɛte saa no.”
Paulo de ɛhyɛn bi a na wɔakyerɛw atifi “Seus Mma” na ewiee ne kwan a otu kɔɔ Roma no. Na eyi nso yɛ hyɛn a efi Aleksandria. Ekogyinae wɔ Puteoli wɔ Naples Po Faka no mu, hyɛn gyinabea a na nsu ani ahyɛnkuw a na wɔde awi ba no taa gyina no. (Asomafo no Nnwuma 28:11-13) Efi Puteoli no—nnɛ yi Pozzuoli—na woyi hyɛn mu nneɛma no gu asase so anaasɛ wɔde gu ahyɛn nketewa mu kɔ atifi fam mpoano na afei wɔde kɔ Asubɔnten Tiba ho wɔ Roma man no mu pɛɛ.
Akwantufo a Wɔte Ɛhyɛn a Ɛfa Nneɛma Mu?
Dɛn nti na Paulo ne asraafo a na wɔrewɛn no no traa hyɛn a na wɔde fa nneɛma no mu? Sɛ yebetumi abua saa asɛm yi a, ɛho hia sɛ yehu nea ɔkwantufo a na obi bɛyɛ wɔ po so saa bere no kyerɛ ankasa.
Wɔ afeha a edi kan Y. B. no, na wonni biribiara a wɔfrɛ no akwantufo hyɛn wɔ hɔ. Na ahyɛn a akwantufo tra mu no yɛ aguadifo ahyɛn. Na nnipa ahorow nyinaa—a aman mpanyimfo, animdefo, asɛmpakafo, asumanfo, mfoniniyɛfo, agumadifo, aguadifo, nsrahwɛfo, akwantufo a wɔkɔyɛ ɔsom mu nnwuma ka ho—traa mu faa po so.
Nokwarem no, na ahyɛn nketewa wɔ hɔ a ɛde akwantufo ne nneɛma fa mpoano. Ɛbɛyɛ sɛ Paulo de hyɛn a ɛte saa na efii Troa “kɔɔ Makedonia.” Ɛbɛyɛ sɛ ahyɛn nketewa no bi na ɛde no kɔɔ Atene san de no fii hɔ nea ɛboro pɛnkoro. Saa ara nso na ɛbɛyɛ sɛ Paulo traa hyɛn ketewaa mu wɔ n’akwantu a akyiri yi ɔde fii Troa faa nsupɔw a ɛbɛn Asia Kumaa mpoano kɔɔ Patara no mu. (Asomafo no Nnwuma 16:8-11; 17:14, 15; 20:1-6, 13-15; 21:1) Saa ahyɛn nketewa a na wɔde di dwuma no nnye bere pii, nanso na entumi nkɔ po so akyirikyiri. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛn a ɛde Paulo kɔɔ Kipro ne afei Pamfilia, ne nea ɔde tutuu akwan kɔɔ Efeso ne Kaesarea, na ɔde fii Patara kɔɔ Tiro no yɛ akɛse kakra. (Asomafo no Nnwuma 13:4, 13; 18:21, 22; 21:1-3) Yebetumi aka sɛ na ɛhyɛn a ɛde Paulo guu asu wɔ Malta po so no nso betumi ayɛ nea na ɛsõ. Na hyɛn a ɛte saa no kɛse te sɛn?
Nsɛm a nhoma ahorow bi ka no maa ɔbenfo bi kae sɛ: “Na hyɛn a esua koraa a wɔde di dwuma wɔ tete mmere mu no mu duru yɛ efi tɔn 70 kosi tɔn 80. Anyɛ yiye koraa no, wɔ Helafo mmere so no, nea na wonim sɛ ɛsõ paa no yɛ tɔn 130. Ɛda adi sɛ na wɔtaa hu po so hyɛn a emu duru yɛ tɔn 250 no de, nanso na ɛsõ sen nea na wɔtaa de di dwuma no. Wɔ Romafo mmere mu no, na hyɛn a wɔde di dwuma wɔ tete akwantu mu no nso yɛ akɛse ara, na emu duru yɛ tɔn 340. Ɛhyɛn a na ɛsõ sen biara no mu duru yɛ tɔn 1300, nanso na ebi betumi ayɛ akɛse asen saa.” Sɛnea asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ afeha a ɛto so abien Y. B. mu kyerɛ no, Aleksandria hyɛn lsis, a na wɔde fa awi no tenten boro mita 55, na ne trɛw bɛyɛ sɛ mita 14, na na ɛwɔ nsiso a emu dɔ bɛyɛ sɛ mita 13, a na ebetumi afa awi a emu duru boro tɔn apem ne ebia nnipa ɔha bi pɛ.
Ɔkwan bɛn so na na wɔhwɛ akwantufo a wɔtraa hyɛn a wɔde awi gu mu no? Esiane sɛ na wɔde hyɛn no fa nneɛma titiriw nti, na wodwen nneɛma no ho sen hyɛnmufo no. Na wɔmma wɔn aduan anaa biribiara, gye nsu nkutoo. Na wɔda hyɛn no abrannaa so, wɔ ebia ɔdan bi a ɛte sɛ apata bi a wɔbɔ no anadwo no na wɔatutu no anɔpa biara ase. Ɛwom sɛ ebia na wɔma akwantufo no kwan ma wɔnoa wɔn nnuan wɔ gyaade a ɛwɔ hyɛn no mu no de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔn ankasa nya biribiara a wɔde bɛnoa aduan no, nea wobedidi mu, nea wɔde beguare, nea wɔbɛda so—efi nkuku ne guasɛn so kosi nnaso so.
Ɛpo so Akwantu—Ɛyɛ Dwoodwoo Dɛn?
Bere a na wonni nnwinnade—kɔmpase mpo—no na afeha a edi kan no mu po so akwantufo gyene wɔn ani hwɛ kwan mu. Enti na akwantu yɛ dwoodwoo bere a ewim tew na wohu ade yiye no—titiriw efi May awiei kosi September mfinimfini. Asram abien a edi saa bere no anim ne akyi no, na aguadifo tumi fa po so wɔ mmere bi mu. Nanso sɛ edu awɔw bere mu a na kusukuukuu ne ɛbɔ taa kata asase ne owia no ani anɔpa na ɛkata nsoromma so anadwo. Efi November 11 kosi March 10 no, na wontu kwan wɔ po so (Latin, mare clausum), gye sɛ tebea no ho hia anaasɛ egye ntɛmpɛ. Na wɔn a wotu kwan saa bere no awiei no tumi kodi awɔw bere wɔ ananafo hyɛn gyinabea.—Asomafo no Nnwuma 27:12; 28:11.
Ɛmfa ho sɛ na po so akwantu yɛ hu wɔ bere pɔtee bi mu no, so na ɛso wɔ mfaso sen asase so akwantu? Nokwarem no, ɛte saa! Ɛpo so akwantu yɛ nea na ɔbrɛ nnim pii, ne bo wɔ fam, na ɛyɛ ntɛm nso. Sɛ mframa ano brɛ ase a, na ɛhyɛn bi betumi atwa kilomita 150 da koro. Sɛ wonam fam a na ɛkwan tenten paa a wubetumi atwa no da koro yɛ efi kilomita 25 kosi 30.
Na sɛnea po so akwantu yɛ ntɛmntɛm no gyina mframa so titiriw. Na wohyia mframa a ano yɛ den wɔ kwan a wotu fi Misraim kɔ Italia no mu bere nyinaa wɔ mmere a eye mu mpo. Na ɔkwan a ɛyɛ tiaa no taa fa Rodo anaa Mira anaasɛ hyɛn gyinabea ahorow bi a ɛwɔ Likia mpoano wɔ Asia Kumaa. Bere a ahum bɔɔ lsis hyɛn a wɔde awi gu mu, ma ɛyeraa ne kwan no, ekogyinaa bere bi wɔ Piraeus nnafua 70 bere a efii Aleksandria no. Sɛ mframa a efi atifi fam atɔe no pia hyɛn no a, ɛnde na efi Italia rekɔ no begye nnafua 20 kosi nnafua 25. Sɛ wɔfa fam a, na saa akwantu koro no ara begye nnafua 150 wɔ wim tebea a eye mu.
Asɛmpa no Duu Asase Ano Nohoa
Ɛda adi sɛ na Paulo nim asiane a ɛwɔ bere a enye ma po so akwantu no mu no. Otuu wɔn fo mpo sɛ enye sɛ wɔde hyɛn fa nsu ani wɔ September awiei anaa October mfiase, na ɔkae sɛ: “Mmarima, mihu sɛ akwantu yi rekɔyɛ sɛ nea amane ne adesɛe bebree bɛba mu, ɛnyɛ aguade ne hyɛn yi fam nko, na yɛn nkwa nso wom bi.” (Asomafo no Nnwuma 27:9, 10) Nanso, asraafo so panyin no buu n’ani guu nsɛm yi so, na eyi na ɛmaa hyɛn no koguu asu wɔ Malta no.
Ebeduu Paulo asɛmpatrɛw adwuma no awiei no, anyɛ yiye koraa no, na wagu asu bɛyɛ mpɛn anan. (Asomafo no Nnwuma 27:41-44; 2 Korintofo 11:25) Nanso, asiane a ɛte saa ho dadwen hunu ansiw asɛmpa no ho asɛnkafo a wodi kan no kwan sɛ wɔbɛfa po so. Wɔde akwantu hokwan biara a na ɛwɔ hɔ no dii dwuma kosii ase de trɛw Ahenni nkrasɛm no mu. Na bere a wotiee Yesu ahyɛde no, wodii adanse wɔ mmaa nyinaa. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Esiane wɔn nsiyɛ ne wɔn a wɔadi adikanfo no nhwɛso akyi gyidi, ne Yehowa honhom kronkron no akwankyerɛ no nti, asɛmpa no adu asase ano nohoa.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.