Sɛnea Yɛhwehwɛ Nkwa Tenten
“Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.”—Hiob 14:1, 2.
ƐWOM sɛ wɔkyerɛw sɛnea nkwa yɛ tiaa no ho asɛm yi bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni de, nanso nnipa kakraa bi pɛ na wobegye ho kyim. Nnipa ani nnyee ho da sɛ wobesi so bere tiaa bi na afei wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa na wɔawuwu. Enti, wɔasɔ akwan pii a wɔbɛfa so anya nkwa tenten ahwɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.
Wɔ Hiob bere so no, Misrifo wee mmoa ahweaabo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan ayɛ mmerante ne mmabaa bio, nanso ankosi hwee. Na Mfinimfini Mmere no mu nyansahufo botae atitiriw no mu biako ne sɛ wɔbɛyɛ aduru bi a ebetumi ama nkwa tenten. Na tete nyansahufo pii gye di sɛ sika kɔkɔɔ a nnipa ayɛ betumi ama yɛatra ase daa, na sika kɔkɔɔ prɛte a wobedidi mu no bɛma wɔanya nkwa tenten. Tete China Taofo susuwii sɛ wobetumi asesa nipadua mu nnuru denam nneɛma bi te sɛ nsusuwho, ahomegu, ne aduandi so na wɔnam so anya nkwa a enni awiei.
Wonim Spaniani a okyin hwehwɛɛ nsase so, Juan Ponce de León wɔ asuti a ɛma nnipa kɔ so yɛ mmerante ne mmabaa a ɔhwehwɛe no ho. Afeha a ɛto so 18 no mu duruyɛfo bi kamfo kyerɛe wɔ ne nhoma Hermippus Redivivus mu sɛ wɔmfa mmaabun ngu ɔdan ketewa bi mu wɔ osutɔbere mu, na wɔmfa wɔn home ngu ntoa mu na wɔmfa nni dwuma sɛ aduru a ɛma nkwa tenten. Nokwarem no, akwan yi mu biara anyɛ yiye.
Ɛnnɛ, bɛyɛ mfirihyia 3,500 ni, fi bere a Mose kyerɛw Hiob asɛm no too hɔ no, nnipa akɔ ɔsram so, ayɛ kar ne kɔmputa, na wɔayɛ atɔm ne nkwaboaa mu nhwehwɛmu. Nanso, nyansahu mu nkɔanim a ɛte saa yi nyinaa akyi no, yɛn ‘nkwa da so ara yɛ tiaa na ɔhaw ahyɛ no ma.’ Ɛyɛ nokware sɛ nkwa ayɛ tenten yiye wɔ aman a wodi yiye mu wɔ afeha a edi akyiri yi mu. Nanso, akwahosan sohwɛ, ahotew ho nhyehyɛe a edi, ne aduan pa titiriw na ɛde eyi aba. Sɛ nhwɛso no, efi afeha a ɛto so 19 no mfinimfini besi 1990 mfe no mfiase no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ Sweden no, mmarima nkwa nna tenten afi mfirihyia 40 akodu 75, na mmea de afi mfirihyia 44 akodu 80. Nanso, so eyi kyerɛ sɛ nnipa nsa aka nkwa tenten a wɔhwehwɛ no?
Dabi, efisɛ ɛwom sɛ wɔ aman bi mu no, nnipa pii nyinyin bobɔ nkwakoraa ne mmerewa de, nanso Mose asɛm a ɔkyerɛw no mfe pii ni no da so ara yɛ nokware sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, . . . , na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.” (Dwom 90:10) So yebehu nsakrae bi nnansa yi ara? So nnipa betumi anyin akyɛ asen seesei ankasa? Asɛm a edi hɔ no besusuw nsɛmmisa a ɛte saa ho.