Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 11/15 kr. 8-12
  • Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no So Hyira—Yehowa Afahyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no So Hyira—Yehowa Afahyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wosua Ade Fi Nneɛma a Wɔde Kyerɛ no Mu
  • Ɔdan So Hyira Dwumadi no Si Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ So Dua
  • Yehowa na Ɔkyerɛkyerɛ Yɛn
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ahenni Ntrɛwmu Mu Kyɛfa A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ɔwɛn Aban Adesuabea De Asɛmpatrɛwfo Kɔ Mmeaemmeae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 11/15 kr. 8-12

Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no So Hyira—Yehowa Afahyɛ

EFI tete no, wɔahyɛ fã ahorow a ɛyɛ anigye wɔ nokware som mu. Wɔde nna pii na edii afahyɛ ahorow no bi wɔ tete Israel, na Yehowa asomfo mpempem pii na wɔkɔe. Wɔde nnanson na ebuee Salomo asɔrefie no ano, na wɔde dapɛn biako Asese Afahyɛ toaa so. Eyi maa Israelfo nyaa hokwan susuw ɔkwan pa a Yehowa faa so ne wɔn dii no ho. Wɔsan kokɔɔ wɔn afie mu a na wɔanya ‘papa a Yehowa ayɛ ama wɔn nyinaa ho anigye ne koma pa.’—1 Ahene 8:66.

Nea ɛkɔɔ so wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, U.S.A., wɔ May 17-22, 1999 no, kaee wɔn a wɔkɔɔ hɔ no tete afahyɛ ahorow a na ɛyɛ anigye no. Na eyi yɛ dapɛn a wɔde di dwuma soronko a ɛfa adan akɛse 28 a wosisii sɛ wɔde bɛboa ma wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ anya nkɔso a na wɔrehyira so no ho. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa adwumayɛbea ti adwumayɛfo 5,400 no nyinaa a wɔwɔ Brooklyn, Wallkill, ne Patterson kɔhwehwɛɛ Patterson adan no mu saa dapɛn titiriw no. Wɔn a na wɔka ahɔho no ho ne wɔn a wonyaa adesuabea adansi no mu kyɛfa a na wɔboro 500, ananmusifo a wofi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea 23, ne afoforo a wofi asafo ahorow a ɛbemmɛn hɔ no mu—a anyɛ yiye koraa no, wɔn dodow si 8,100 no.

Wosua Ade Fi Nneɛma a Wɔde Kyerɛ no Mu

Nea ɛbɛyɛ na ahɔho no ahu adesuabea hɔ yiye no, wɔyɛɛ nhyehyɛe yɛɛ nneɛma atitiriw bi, yii video ahorow a ɛkyerɛkyerɛ, na wɔmaa nsrahwɛfo no ankasa nso kyinkyinii hɔ. Nsrahwɛfo no huu asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no nsusuwso ho mfonini ntɛm ara wɔ baabi a ahɔho twɛn no. Nneɛma a wɔde kyerɛe no bi nso fa Ɔwɛn Aban Asafo Gilead Bible Sukuu no tete abakɔsɛm, nhyiam akɛse, asafo nhyiam ahorow, ne nnɛyi ofie Bible adesua ahorow—a mprempren wɔyɛ ɔpepem pii dapɛn biara no—ne adwuma a Mmara Dwumadibea no yɛ de bɔ kwan ma adwuma a ɛte saa no ho, na wɔyɛ de di Yesu ahyɛde no so.—Mateo 28:19, 20.

Wɔ asa kɛse a etumi fa atiefo 1,700 ma wɔn ho tɔ wɔn a ɛwɔ nkyɛn so no, woyii video a ne tenten yɛ simma 33 a n’asɛmti ne “Ɛnyɛ Tumi So—Me Honhom So!” de gyee wɔn ani wɔ ɔdan no so hyira afahyɛ no mu. Saa video yi kyerɛɛ sɛnea wonyaa Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no. Nsɛm a wobisabisaa afoforo no daa nneɛma bi adi a ɛkyerɛɛ pefee sɛ na Yehowa nsa wom, na ne nhyira a ɔde hyiraa mmɔden a wɔbɔe so no na ɛmaa wotumi wiee adansi adwuma a wɔde mfirihyia 15 yɛe yi. Nnipa mpempem pii nyaa adansi adwuma no ankasa mu kyɛfa. Bere bi, wɔ 1994 mu no, adwumayɛfo 526 na na wɔwɔ adwuma no ho, a na wɔn mu 350 yɛ adwuma wɔ hɔ daa, na 113 bɛboa wɔ bere tiaa mu, na 63 nso fi fie bɛboa daa. Nnipa pii de ntoboa ahorow boaa adwuma no. Wɔn nyinaa nim sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa honhom a anka wontumi nyɛ eyi da.—Sakaria 4:6.

Nsrahwɛfo no tumi hui sɛ adwuma a wɔyɛ wɔ adesuabea hɔ no botae titiriw ne sɛ wɔde bɛboa ma ɔsoro nkyerɛkyerɛ anya nkɔso. Nneɛma a wɔde kyerɛe wɔ Gilead Sukuu a ɛwɔ sukuu dan no ase ho no sii honhom fam apɛgyade a edi mu ne sukuu no abakɔsɛm so dua. Efi bere a wɔyɛɛ adesuakuw a edi kan wɔ 1943 mu wɔ beae a wofii sukuu no ase wɔ South Lansing, New York no, Gilead Sukuu no atete adesuafo bɛboro 7,000 ama asɛmpatrɛw adwuma no. Nneɛma a wɔde kyerɛe wɔ sukuu dan no dan a ɛto so abien ho no maa wohuu Baa Boayikuw Mufo ne Ahwɛfo Akwantufo Sukuu a wɔyɛ wɔ hɔ no. Efi bere a wofii ase wɔ November 1995 mu no, baa dwumadibea sukuu no de nkyerɛkyerɛ a emu dɔ ama Baa Boayikuw mufo 360 a wofi nsase 106 so.

Bere a nsrahwɛfo no gu wɔn nsrahwɛ no so no, wotumi hui ntɛm ara sɛ nneɛma pii wɔ mmeae dodow no ara sen ɛhɔ mfonini kɛkɛ a wɔhwɛe no. Wotumi kɔɔ adwumayɛbea ahorow, wurawuraa adan no mu ne mmeae ahorow, huu adwuma a wɔreyɛ wɔ hɔ no yiye. Na nsrahwɛ no mu ade titiriw ne baabi a wɔkyere nsɛm ne mfonini gu Kasɛt ne Video so no. Mfiri a ɛyɛ nwonwa a wɔde redi dwuma de ama Bible nkyerɛkyerɛ anya nkɔso bɛn ara ni! Ɛdenam nsɛm ne video ntiatiaa a woyi kyerɛɛ ahɔho no so no, ɛmaa wɔtee sɛnea wɔkyere nne gu kasɛt so ne sɛnea wɔyɛ video no ase. Wosuaa biribi wɔ sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu kɔ akyiri wɔ nneɛma a wɔde siesie hɔ ne ntade a wɔhyɛ ho. Wohuu sɛnea wɔhyehyɛ dwumadi biara fã biara a wɔmmɔ ho ka pii nanso wɔhyehyɛ no pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa no. Wohuu sɛnea wotumi de nnwom di dwuma ma nkurɔfo te nka te sɛ nea wɔka adeyɛ a wɔrehwɛ no ho ankasa no. Efi 1990 no, Asafo ti no ayɛ video ahorow du wɔ kasa horow 41 mu, a ɛfa Bible mu nsɛm ahorow ho, na nea ɛka ho ne video ahorow a wɔde Amerika Mum Kasa ayɛ no.

Nsrahwɛfo no pii kɔɔ baabi a wɔhoro Foto ne Mfoniniyɛ Adwumam, Kɔmputa Nhwehwɛmu Adwumam, baabi a wɔma kɔmputa ho ntetee ne mmoa, Ɔsom Dwumadibea, a ɛhwɛ asafo ahorow 11,242 ne ahwɛfo akwantufo 572 dwumadi so, ne Nkrataa-kyerɛw Dwumadibea, baabi a wodi nkrataa bɛyɛ 14,000 a nkurɔfo de bebisa nsɛm ho dwuma afe biara no. Wɔn ani gyee nhwehwɛmu a wɔyɛ ansa na wɔakyerɛw nkrataa akɔma nkurɔfo no ho; wɔn ani nso gyee ho sɛ wodwen wɔn a nkrataa a wɔkyerɛw no kyerɛ sɛ nsɛm akɛse haw wɔn no ho.

Nsrahwɛfo pii a wɔbaa hɔ no kɔsraa Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea hɔ. Ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ wohui sɛ mfirihyia anum a atwam no, Asafo ti no de kasa ahorow 102 aka kasa dodow a wɔkyerɛ Bible ho nhoma ase kɔ mu no ho. Wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo bɛyɛ ɔha mu 80 na wɔkenkan Asafo ti no nhoma a enni Engiresi kasa mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi wɔn ahiade ho dwuma no, nnipa bɛboro 1,700 na wɔatu wɔn ho ama rekyerɛ nsɛm ase wɔ aman 100 mu. Na Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ kasa horow a wɔka wɔ Amerika, Europa, Asia, ne Afrika mu ka nneɛma a wɔde kyerɛɛ wɔn no ho. Nsrahwɛfo no tumi huu New World Translation Bible no a wɔatintim wɔ kasa horow 31 mu no. Wohui sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma wɔ kasa horow 332 mu mprempren, na wɔatintim Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no wɔ kasa horow 219 mu.

Wɔkyerɛɛ nsrahwɛfo a wɔkɔsraa Mmara Dwumadibea no nneɛma a ɛhwehwɛ sɛ wodi ho dwuma wɔ mmara kwan so no. Wɔ video bi mu no, wohuu sɛnea Ɔdansefo mmaranimfo bi redi asɛm bi a ɛfa mogya a wɔde ma ho wɔ asɛnnibea. Wohuu nea wɔreyɛ ama wɔatumi akɔ so abɔ asɛmpa no ho dawuru wɔ baguam no nso. (Filipifo 1:7) Wɔkaa gyinae bi a ɔmantam no asɛnnibea bi sii wɔ March mu afe yi sɛ ɛsɛ sɛ Oradell mansin a ɛwɔ New Jersey, U.S.A. no, yɛ nsakrae wɔ wɔn mmara mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi akwansrɛ ne agyiraehyɛde a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔpɛ sɛ wɔka asɛm wɔ afie afie wɔ mpɔtam hɔ no gye ansa na wɔatumi ayɛ saa no afi hɔ ho asɛm.

Ɛnyɛ eyinom nkutoo ne nea nsrahwɛfo no hui. Wɔkɔhwɛɛ adansi ho nneɛma a ɛwɔ baabi a wogu kɔnkret no, kɔhwehwɛɛ baabi a wɔdannan nsu a wɔde ayɛ adwuma yi mu fi, baabi a anyinam ahoɔden mfiri sisi, baabi a wɔde nnuru gu nsu mu ma ɛyɛ dɛ, mmeae a wosiesie mfiri, ne nea ɛkeka ho. Ná ɛyɛ hokwan soronko.

Ɔdan So Hyira Dwumadi no Si Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ So Dua

Wɔyɛɛ ɔdan so hyira dwumadi no ankasa Wukuda, May 19, na efii ase anwummere 4:00. Wɔn a na wɔka nnipadɔm 6,929 a wɔn ani agye no ho ne adwumayɛfo a wɔwɔ adwumayɛbea ti, Asafo ti no ahɔho, ne nnipa 372 a wohyiaam wɔ Canada baa dwumadibea a wɔnam anyinam ahoɔden mfiri so tiee bi no.

Atiefo no ani gyee akwaaba a ɛyɛ anigye a Milton G. Henschel, a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani de mae no ho ankasa. Theodore Jaracz, a ɔyɛ Sodikuw no muni ne dwumadi no guamtrani no too nsa frɛɛ William Malenfant ma ɔbɛkasae. Bere a ɔreka “Adansi Dwumadi no Ho Nsɛntitiriw” no, obisabisaa anuanom baasa a wɔyɛɛ adwuma titiriw wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no ho ntotoe ne ne si mu no nsɛm. Wɔ nsɛmmisa no mu no, wɔdaa no adi sɛ wɔ mfe a na wɔresi dan ankasa mu no, adwumayɛfo a wɔbɛboaa bere tiaa mu bɛboro 8,700 na wɔn ankasa bɔɔ ka bɛboaa adwuma no. Biakoyɛ ne ayamye a ɔsoro nkyerɛkyerɛ atumi ama ayɛ yiye ho adanse fɛfɛ bɛn ni!

Ɔkasa a wɔakyekyem a n’asɛmti ne “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Wɔ Wiase Nyinaa” na edii hɔ. Sodikuw no mufo baanan na wɔmae. John E. Barr sii so dua sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm, Bible, a ɛhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnsow adwuma pa nyinaa mu aba, na wonnyin nkɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu’ no so. (Kolosefo 1:10) Daniel Sydlik kaa sɛnea wɔahyehyɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ wɔ teokrase akwan so fi Kristofo asafo no ti, Yesu Kristo, so besi wiase nyinaa onuayɛkuw no muni biara so no ho asɛm. (1 Korintofo 12:12-27) Ɔkasa a wɔakyekyem no afã abien a etwa to a Gerrit Lösch ne Carey Barber mae no daa sɛnea ɔsoro nkyerɛkyerɛ ma asomfo fata sɛ wɔbɛkɔ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nkyɛn akɔkyerɛkyerɛ wɔn na ama wɔn nso atumi anantew Onyankopɔn kwan so no adi.—Yesaia 2:1-4; 2 Korintofo 3:5.

Nea ɛbɛyɛ na atiefo no ahu sukuu ahorow a wɔyɛ wɔ adesuabea hɔ no, wobisabisaa akyerɛkyerɛfo no ne afoforo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nsɛm ne wɔn susuw wɔn nnwuma ho. Wɔdaa dwuma a sukuu no mu biara di de boa ɔsoro nkyerɛkyerɛ wɔ wiase nyinaa no adi. Wɔdaa no adi sɛ Gilead Sukuu no twe adwene si Bible mu nhoma biara, Yehowa nkurɔfo nnɛyi abakɔsɛm, ne ahosiesie a wɔyɛ ma asɛmpatrɛw som adwuma, so. Baa dwumadibea sukuu no yɛ ɔsom adwuma no ho nneɛma pii a ɛyɛ anigye a Baa Dwumadibea Boayikuw no mufo yɛ ho adwuma ho adesua. Ɛnyɛ anuanom ahwɛfo akwantufo no ahiade nko nti na wɔhyehyɛɛ Ahwɛfo Akwantufo Sukuu no na mmom sɛnea ebesiesie wɔn ma wɔde honhom fam mmoa a ɛso bɛba asafo ahorow no mfaso titiriw bɛma.

Lloyd Barry a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔdan no so hyira ho ɔkasa a na n’asɛmti ne “Yɛn Bɔfo Kɛse no a Yɛne No Bɛbom Asi Dan” no de dwumadi a ɛyɛ anigye no baa awiei. Ɔkae sɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa, ani gye n’abɔde nyinaa ho, na ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛne no mmedi ahurusi. (Yesaia 65:18) Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn “na osiesie nneɛma nyinaa” nti, saa ɔdansi yi ho anuonyam nyinaa yɛ ne dea. (Hebrifo 3:4) Bere a ɔkasafo no daa adwene a ɛte saa adi wiei no, ɔbɔɔ mpae a ɛka koma, hyiraa Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no so maa Yehowa, yɛn Bɔfo Kɛse no.a

Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔkɔhwɛɛ hɔ no bɛkae dapɛn biako afahyɛ no bere tenteenten. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe nkɔsra Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea hɔ? Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛhɔ nsrahwɛ a wobɛkɔ no bɛhyɛ wo nkuran wɔ mmɔden a worebɔ sɛ wubesua pii afa yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no ho na ama wode trenee gyinapɛn atra ase no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Onua Barry wiee n’asase so som adwuma nokwaredi mu wɔ July 2, 1999. Hwɛ October 1, 1999 Ɔwɛn-Aban, kratafa 16.

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Atiefo a wɔahyɛ asa kɛse ne adidibea hɔ ma

[Kratafa 10 mfonini ahorow]

Ná nsrahwɛ no yɛ anigye yiye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena