Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/99 kr. 1
  • Yehowa na Ɔkyerɛkyerɛ Yɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa na Ɔkyerɛkyerɛ Yɛn
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Teokrase Sukuu Ahorow​—Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ahenni Som Sukuu De Teokrase Ɔkyerɛkyerɛ Ma
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asomfo Ntetee Sukuu—Ɔpon Kɛse A Emu Adwumayɛ Dɔɔso
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 6/99 kr. 1

Yehowa na Ɔkyerɛkyerɛ Yɛn

1 Ɛdenam Onyankopɔn akwankyerɛ so no, amanaman ntam ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi rekɔ so wɔ nsase 233 so. Wontumi mfa biribiara a wiase yi de ma ntoto ho. Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa, rekyerɛkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ayɛ mfaso ama yɛn mprempren, na ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma daa nkwa nso.—Yes. 30:20; 48:17.

2 Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Ho Sukuu Ahorow: Susuw sukuu ahorow a mprempren wɔreyɛ na Yehowa nkurɔfo anya so mfaso no ho. Teokrase Ɔsom Sukuu a yɛyɛ no dapɛn biara wɔ asafo horow bɛyɛ 87,000 mu no tete Ahenni adawurubɔfo ɔpepem pii ma wɔyɛ asɛmpa no ho asomfo a wotu mpɔn. So wode wo ho ahyem? So woka anuanom mpempem pii a wɔakɔ adapɛn abien Akwampaefo Ɔsom Sukuu no bi no ho? Ebia nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ sɛ daa akwampaefo nya a wɔatew so no betumi ama pii afata ama akwampae adwuma no na wɔakɔ sukuu yi bi. Asram abien Asomfo Ntetee Sukuu a mprempren wɔyɛ wɔ kasa atitiriw mu wɔ wiase nyinaa no retete mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔnwaree ama wɔagye teokrase asɛyɛde akɛse. Wɔde ntetee titiriw bi ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo nyinaa wɔ bere ne bere mu wɔ Ahenni Ɔsom Sukuu no mu.

3 Wɔreyɛ sukuu atitiriw abiɛsa wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no na ama wɔde ntetee a ɛkɔ anim ama. Asram anum Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no tete asomfo ma asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne nsase so. Baa Boayikuw mufo a wofi wiase nyinaa de asram abien sua ade wɔ baa dwumadibea nhyehyɛe ho. Wɔ May 1999 mu no, wɔde adesuafo 48 a wofi United States ne Canada fii asram abien adesua ma ahwɛfo akwantufo ase. Ne nyinaa mu no, Yehowa asomfo nyinaa nya mfaso a ɛfata fi ntetee a Yehowa nam sukuu ahorow yi so de ma no mu.

4 Atirimpɔw Bɛn Nti na Wɔkyerɛkyerɛ Yɛn? Sodikuw no muni bi kae sɛ: “Wɔayɛ yɛn mprempren adesua nhyehyɛe no na ama Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa anya ahokokwaw a ɛfata a wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm 1:1-4 no.” Ɛmmra sɛ Yehowa bɛma yɛn mu biara “asuafo tɛkrɛma.”—Yes. 50:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena