Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w00 10/15 kr. 3
  • So Wubetumi Abɛn Onyankopɔn a Wunhu No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Abɛn Onyankopɔn a Wunhu No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Yɛ W’adamfo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Adaemone Dii M’asetra So
    Nyan!—1987
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Dɛn na Ɛkyɛn Wei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
w00 10/15 kr. 3

So Wubetumi Abɛn Onyankopɔn a Wunhu No?

Ebia wubebisa sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ne obi a mintumi nhu no anya abusuabɔ a emu yɛ den?’ Ɛno betumi ayɛ sɛ asɛmmisa a ɛfata. Nanso susuw ho hwɛ:

ADEHU ho hia dɛn wɔ abusuabɔ a ɔdɔ wom na ɛtra hɔ daa a yebenya mu? So nneɛma a yenhu nso ho nhia saa ara, sɛ ɛnsen nea yehu no a? Ɛyɛ nokware! Esiane saa nti nnipa bi nam nkrataa-kyerɛw so ne afoforo anya abusuabɔ a emu yɛ den—wofi nokwaredi mu ka nneɛma a wɔpɛ ne nea wɔmpɛ, wɔn botae, nnyinasosɛm, sɛnea wɔda wɔn anigye adi, ne wɔn su horow anaa nneɛma foforo a wɔn ani gye ho ho nsɛm wɔ wɔn nkrataa no mu.

Anifuraefo nso da no adi sɛ adehu ho nhia pii wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne onipa foforo benya mu. Susuw Edward ne Gwen a wɔyɛ awarefo a wɔn ani afura nhwɛso no ho hwɛ.a Edward hyiaa Gwen wɔ anifuraefo sukuu bi mu, baabi a na ɔno nso yɛ sukuuni a wanyin. N’ani gyee Gwen suban ho, titiriw ne nokwaredi wɔ kasa ne nneyɛe mu, ne adwuma ho su pa a na ɔwɔ no. Gwen nso ani gyee Edward ho, efisɛ sɛnea ɔno ankasa kae no, “ɔdaa su horow nyinaa a wɔnam ntetee so ma mihui sɛ ɛho hia no adi.” Wɔde wɔn ho hyɛɛ nantew a edi aware anim mu, na mfirihyia abiɛsa akyi no, wɔwaree.

Edward ka sɛ: “Sɛ monam a, anifurae no nni dwuma titiriw biara wɔ abusuabɔ a wo ne onipa foforo no benya no mu. Muntumi nhu mo ho mo ho de, nanso nkate ani mfurae.” Ɛnnɛ, mfirihyia 57 akyi no, wɔda so dɔ wɔn ho denneennen. Wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, anyɛ yiye koraa no, nea ama wɔanya abusuabɔ a ɛyɛ anigye no gyina nneɛma anan so: (1) hu a wohu onipa foforo no su horow, (2) susuw a wosusuw saa su horow no ho na wonya ho anigye, (3) nkitahodi pa a wobenya, ne (4) bɔ a wɔbom yɛ nneɛma.

Saa nneɛma anan yi ho hia wɔ abusuabɔ pa biara mu, sɛ́ ɛyɛ nnamfo, awarefo, anaa nea ɛho hia sen biara no, nnipa ne Onyankopɔn ntam de no. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebehu sɛnea saa nsɛm yi a yɛde bedi dwuma no betumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den, ɛmfa ho sɛ yentumi nhu no.b

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no.

b Esiane sɛ abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn benya no nte sɛ nnipa ntam abusuabɔ nti, egyina gyidi a ɛne sɛ ɔwɔ hɔ no so. (Hebrifo 11:6) Ɛdefa abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Onyankopɔn benya ho nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ akyiri ho no, yɛsrɛ sɛ hwɛ Is There a Creator Who Cares About You?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena