“Eyi Ne Daa Nkwa”
“Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”—YOHANE 17:3.
NIMDEƐ tumi gye nkwa. Bere a Nouhou a wanya asram du yaree no, na ne maame a ɔyɛ ɔyarehwɛfo wɔ Niger no nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma no. Ɔde asikre, nkyene ne nsu pa frae de maa ne ba no nomee. Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto kuw no ka sɛ esiane sɛ maame no “yɛɛ ho biribi ntɛm na ɔsan de abofra no kɔɔ ayaresabea nti, ne ba no ho tɔɔ no.”
Bible mu nimdeɛ nso tumi gye nnipa nkwa. Mose a ɔyɛ Bible kyerɛwfo a odi kan no kae sɛ: “Asɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi na ɛbɛma mo nna aware.” (Deuteronomium 32:47) Ɛyɛ ampa sɛ Bible betumi ama yɛn nna aware anaa? Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛno ne yɛn nkwa?
Nsɛm a yɛadi kan aka wɔ nhoma yi mu no akyerɛ sɛ Bible yɛ nhoma a ɛso bi nni baabiara, efisɛ emu nkɔmhyɛ ne abakɔsɛm ne nyansahu no di mu, na emu nsɛm nyinaa hyia na wotumi de bɔ bra nso. Eyi ma Bible no da nsow. Enti sɛ ɛka sɛ ebetumi akyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya nkwa tenten anaa daa nkwa a, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene kɔ so?
Yɛsrɛ wo bɔ mmɔden sua Bible mu nokware nimdeɛ na ama woanya asomdwoe nnɛ, na daakye nso woanya anigye. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ama woanya saa nimdeɛ no.
[Kratafa 9 adaka/mfonini]
Ade foforo nso a ɛma Bible da nsow ne sɛ ɛno nkutoo na ɛma yenya nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae a ɛtɔ asom:
• Dɛn nti na yɛwɔ ha?
• Adɛn nti na amanehunu adɔɔso saa?
• Anidaso bi wɔ hɔ ma m’adɔfo a wɔawuwu anaa?
Wubetumi anya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a efi Bible mu wɔ nhoma yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yehowa Adansefo na atintim no mu.