Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 1/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa
    Nyan!—2015
  • Mmoa Bɛkɔ Soro Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 1/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Dɛn na ɛma nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ?

Maame bi a ɔde anigyeɛ rehwɛ ne ba anim

Nkwa yɛ nwanwa. Wonhu saa?

Bɛyɛ mfie 3,000 a atwam ni no, anwensɛm twerɛfoɔ bi twerɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwanwa.” (Dwom 139:14) Sɛ wohwɛ sɛnea nkwammoaa ketewaa bi tumi nyini bɛyɛ onipa no a, ɛnyɛ wo nwanwa? Sɛnea wɔahyɛ da ayɛ nnipa, mmoa, ne afifideɛ no, sɛ nnipa pii hwɛ a, ɛma wɔgye tom sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ.​—Kenkan Dwom 139:13-17; Hebrifoɔ 3:4.

Nea ɔbɔɔ soro ne emu nneɛma nyinaa, na ɔsan siesiee asase ma yɛtena so a ɛyɛ yie no, ɔno ara na ɔmaa yɛn nkwa. (Dwom 36:9) Nea ɛbɛyɛ na nnipa ahu no yie no, waka ne ho asɛm akyerɛ yɛn.​—Kenkan Yesaia 45:18.

Enti nnipa firi mmoa mu na ɛbaeɛ?

Nnipa ne mmoa di nsɛ wɔ akwan bebree so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa sɛ wɔntena asase so. Ɛnyɛ aboa bi na Ɔbɔadeɛ no danee no ma ɔbɛyɛɛ onipa a ɔdi kan no. Mmom no, ɔde fam dɔteɛ na ɛbɔɔ no.​—Kenkan Genesis 1:24; 2:7.

Nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ɛma nnipa da nso koraa firi mmoa ho. Nnipa deɛ, yɛtumi pɛ Ɔbɔadeɛ no akyi kwan, yɛtumi dɔ no, na yɛkyerɛ obuo ma no, nanso mmoa ntumi nyɛ saa. Afei, wɔammɔ mmoa sɛ wɔntena ase daa, nanso nnipa deɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa. Onipa a ɔdi kan no antie Ɔbɔadeɛ no asɛm, ɛno nti na ɛnnɛ, nnipa wuo no.​—Kenkan Genesis 1:27; 2:15-17.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 1. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena