Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 8/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Asetra Atirimpɔw Ankasa No
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 8/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Sɛnea nnipa asetena bɛyɛ ara ni?

Akwakoraa ne abofra bi agyen wɔn ani rehwɛ akyirikyiri

Ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ yɛn nkwa yɛ tiaa dodo?

Aba wo tirim pɛn ama woabisa sɛ, nea enti a yɛwɔ wiase ara ne sɛ yɛbɛdi agorɔ agye yɛn ani, ayɛ adwuma, aware, awo mma, na afei yɛanyinyin na yɛawuwu anaa? (Hiob 14:1, 2) Bible ma yɛhu sɛ anyansafo binom mpo bisaa nsɛm a ɛte saa.​—Kenkan Ɔsɛnkafoɔ 2:11.

Dɛn nti na yɛbaa wiase? Nea ɛdi kan no, ɛsɛ sɛ yɛbisa sɛ, Ɛyɛɛ dɛn na nkwa fii ase? Sɛnea nnipa amemene ne akwaa ahorow a aka no yɛ nwonwa nti, ama nnipa pii aka sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔnim nyansa na ɔbɔɔ ne nyinaa. (Kenkan Dwom 139:14.) Sɛ saa a, ɛnde na ɔwɔ nea nti a ɔbɔɔ yɛn! Sɛ yɛhu nea enti a ɔbɔɔ yɛn a, ɛbɛma yɛanya anigye wɔ asetena mu.

Adɛn nti na wɔbɔɔ nnipa?

Onyankopɔn hyiraa nnipa mmienu a ɔdii kan bɔɔ wɔn no, na ɔmaa wɔn adwuma a ɛyɛ anigye. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ wɔhyɛ asase so mã, wɔma asase no nyinaa yɛ paradise, na wɔtena ase daa.​—Kenkan Genesis 1:28, 31.

Bere a Adam ne Hawa tee Onyankopɔn nniso so atua no, Onyankopɔn atirimpɔ amma mu amonom hɔ ara. Nanso Onyankopɔn anyi yɛn baako anhyɛ yɛn nsa, na wansesa adwene a ɔwɔ ma nnipa sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no. Bible ma yɛnya ahotoso sɛ Onyankopɔn reyɛ nsiesiei de agye nnipa anokwafo, na ɔbɛma nea enti a ɔbɔɔ asase no abam! Enti Onyankopɔn pɛ sɛ wonya asetena ankasa a na ɔpɛ sɛ adesamma nya no! (Kenkan Dwom 37:29.) Sua Bible no, na hu ɔkwan a w’ankasa wobɛtumi afa so anya nea Onyankopɔn bɛyɛ no so mfaso.

Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 3. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena