Yɛn No Nyɛn Ho A Yɛbɛboa (Ɔfã 5): Ma Yɛanya Nkɔso
1 Efi November no, Yɛn Ahenni Som de nyansahyɛ ahorow ama wɔ sɛnea adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi aboa wɔn a wɔhwehwɛ mmoa wɔ asɛnka adwuma mu ho. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔreboa wɔn no ani sɔ wɔn ho mmɔden a wofi ɔdɔ mu bɔ no. Na ɛda adi sɛ wɔn a wɔde mmoa yi ma no asua biribi afi eyi mu na wɔanya wɔn a wɔne wɔn abom ayɛ adwuma no ho dɔ kɛse.—Rom. 1:11, 12.
2 So akwan afoforo bi da so wɔ hɔ a yebetumi afa so aboa yɛn ho yɛn ho? Wɔn a wɔrebom ayɛ adwuma no betumi asi bere tenten a wɔbɛpɛ sɛ wɔbom nantew wɔ asɛnka mu no ho gyinae. Bere a wɔanya nkɔso wɔ ɔkwan a wɔnam so ne nkurɔfo kasa wɔ afie afie no mu no, ebia ebinom bɛhwehwɛ mmoa wɔ sankɔhwɛ ne Bible adesua yɛ mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ wɔn a wobetumi no bɛkɔ so de mmoa ama. Nanso, ebia ebinom a woaboa wɔn wɔ asɛnka adwuma no afa horow mu no nso betumi aboa afoforo a wɔwɔ wɔn abusua anaa wɔn adesua kuw mu no afei. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ adesua so ahwɛfo ne asɛnka adwuma so ahwɛfo ani begye sɛ wɔde nyansahyɛ ahorow bɛma a ɛbɛma wɔanya nkɔso.—1 Tim. 4:15.
3 Obiara betumi anya kyɛfa wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn wɔ asɛnka adwuma no mu no mu ɔkwan bi so. Ɛyɛ mmoa sɛ yɛbɛkae ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛne afoforo bɛbom ayɛ adwuma. Wɔn a wɔn ho akokwaw a wɔkɔ asɛnka daa no nya nkuranhyɛ bere a wɔne obi bom yɛ adwuma. Daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo ani sɔ eyi titiriw. Sɛ wurentumi nhyɛ da mmoa obi pɔtee wɔ mo adesua kuw no mu a, so wubetumi ato nsa afrɛ afoforo ma wɔne wo akɔ asɛnka? So wubetumi de ɔdawurubɔfo a n’ani afi, obi a ɔyɛ abofra, anaa obi a onni ahoɔden aka wo ho bere a wokɔyɛ adesua?
4 Ebia na ebinom wɔ asafo no mu a wobetumi anya nkɔso, sɛ wɔde adwene kɔ wɔn so hyɛ wɔn nkuran kakra a. Onuawa aberewa bi a na onni ahoɔden pii esiane ɔyare nti pɛe sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo. Ɔhwɛfo kwantufo bi gyee bere kakra boaa no ma ɔyɛɛ ne dwumadi ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɔde nnɔnhwerew abien kɔɔ asɛnka anɔpa, na ɔbaa fie begyee n’ahome. Afei awiabere no ɔkɔtoaa ne dwumadi ma saa da no so. Ohui sɛ eyi ye, na amma anyɛ den amma no sɛ obedu n’akwampaefo botae no ho. Daa akwampae adwuma anaa akwampaefo boafo adwuma ama pii anya nkɔso bio wɔ wɔn asɛnka adwuma mu. Ama wɔatumi aboa nnipa pii nso wɔ asafo no mu.
5 Nsa a wɔto frɛ wɔn ne mmoa a ɛfata a wɔde ma wɔn ama mmofra pii anya nkɔso wɔ wɔn som mu. Ebinom de wɔn ho ahyɛ daa akwampae adwuma mu anaasɛ Betel adwuma mu. Wotumi yɛɛ eyi efisɛ obi de n’adwene kɔɔ wɔn so na ogyee bere boaa wɔn. Mfaso a ɛwɔ so no da so da adi efisɛ saa mmofra yi de nea wosuae no reboa afoforo.—2 Tim. 2:2.
6 Afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkɔso yɛ daa adeyɛ. Afoforo ho dɔ a emu yɛ den na ɛma wotumi yɛ eyi. Obiara benya ho mfaso esiane sɛ wɔn a wɔboa afoforo no nya ‘anigye kɛse’ nti.—Aso. 20:35.