Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/80 kr. 5
  • Yɛn Ani Gye Yɛn Mmofra No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ani Gye Yɛn Mmofra No Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Mmofra—Momfa Nokwaredi Nsom Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 7/80 kr. 5

Yɛn Ani Gye Yɛn Mmofra No Ho

1 Efi nnipa baanu a wodi kan no so no Yehowa Nyankopɔn ayɛ nhyehyɛe ma mmofra anya nokware som mu kyɛfa. Nea ɛfata no, odwontofo no too dwom sɛ: ‘Na wo, Awurade Yehowa, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.”​—Dw. 71:5; Gen. 4:1-4.

2 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛne yɛn mmofra no bom yi Yehowa ayɛ! Te sɛ Yehowa Nyankopɔn no, yɛn ani gye adwuma pa a wɔyɛ no ho. Ɛtɔ da bi a yɛn adwumayɛfo a wɔbɔ mmɔden sen biara yɛ mmofra. Bere a wonyin nokware no mu no, wɔn honhom mu yiyedi no betumi aboa asafo no nyinaa honhom mu yiyedi nso.

3 Bible nkɔmhyɛ kaa mmofra nsɛm a emu yɛ den a abu so nnɛ no ho asɛm siei. (2 Tim. 3:1, 2) Bere a ɛyɛ nokware sɛ mmofra bi a wɔwɔ asafo horow mu ahyia nsɛm a emu yɛ den yiye no, anigye bɛn ara na yenya bere a wodi mmoa a yɛde ma wɔn na wɔafi ɔkwan bɔne bi a wɔnam so so no akyi, na ɛno akyi no wonya nkɔso sɛ mmofra Kristofo pa. Nanso, te sɛ Timoteo no, yɛn nuanom nkumaa no bebree fi mmofraase anyin abɛyɛ mpanyimfo a wiase honhom nnyaa wɔn so tumi. (2 Tim. 3:14; Aso. 16:1) Ɛfata sɛ wɔkamfo mmofra a wɔrebɔ wɔn bra yiye sɛ Kristofo no, titiriw sɛ yesusuw tebea a emu yɛ den a nnamfo ne, ɛtɔ da bi a, sukuu akyerɛkyerɛfo a wonnye nni a wodi wɔn nsusuwii a egyina Bible so ho fɛw ma bebree hyia no ho a. Yɛn nuanom nkumaa no gyidi bu nsɛmmɔne wiase a atwa wɔn ho ahyia no fɔ na ɛtwetwe nnipa komapafo ba nokware no ho.​—Heb. 11:7.

4 Sɛ nhwɛso no, onuawa kumaa bi a wodii ne ho fɛw sii no atwetwe esiane n’atade a na ɛnte sɛ wɔn de no na wɔtoo no din “ɔkronkronni” no, wɔantumi anhyɛ no amma wankodi wiase bɔne yi nneyɛe akyi. Mmom no ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ Yehowa Adansefo mu biako no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nen. Ɔdawurubɔfo kumaa foforo nso kyerɛkyerɛfo kyerɛkyerɛɛ adannandi sɛ nokwasɛm ne Bible no sɛ anansesɛm. Nokwaredi a ɔdawurubɔfo kumaa yi de kyerɛkyerɛɛ Bible no mu no ma otumi fii Bible adesua horow ase. Wɔn a wɔn ani gyee ho no binom fii ase kɔɔ nhyiam horow.

5 Yɛhyɛ mo a moyɛ mmofra wɔ yɛn mu nyinaa nkuran sɛ monkɔ so ‘nnyin nyansa ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’ (Luka 2:51, 52) Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ monantew nyansa mu, efisɛ onim mo afa wɔ ‘ɔsɛmpɔw kɛse’ no mu. (Mmeb. 27:11) Mo asɛyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn ne sɛ ‘mubesuro Onyankopɔn na moadi ne mmara nsɛm so.’ (Ɔsɛnk. 12:13) Monkɔ so nnyin sɛ mo mmusua mufo a wɔn ho wɔ mfaso na wɔde ho to wɔn so a ɛyɛ yiye, a mudi mo agyanom ne mo nanom ni. (Efe. 6:1-3) Sɛ Yesu Kristo asuafo no, munnya nhyiam horow ne asɛnka adwuma mu kyɛfa daa. Na bere a munya nkɔso na mode mo ho ma Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den mu no, mubetumi anya ahotoso sɛ nhyira pii a efi Yehowa nkyɛn wɔ hɔ ma mo mprempren ne daakye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena