Mmofra—Momfa Nokwaredi Nsom Yehowa
1 Nokwaredi ne nyamesom pa mu ahofama ho hia wɔ nokware som mu. (2 Tim. 2:19) Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛn mu biara de ne ho bɛfam ɔno ne n’asase so ahyehyɛde a aniwa hu no. (Dw. 30:4; 31:23) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ eyi wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn atirimpɔw wɔ asetra mu no tra yɛn adwene mu yiye, a yɛmma kwan mma yɛn nokware dɔ ma Yehowa no ano mmrɛ ase. Kristofo mmofra titiriw rehyia wɔn dɔ ma Onyankopɔn no ho sɔhwɛ a emu yɛ den.—2 Tim. 2:22.
2 Nokwaredi ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho hia, sɛ yebetumi anya daa nkwa a. Wɔ saa sɔhwɛ bere yi mu no, ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo mmofra atumi akura mudi mu? Akwan horow bɛn so na yebetumi ada nokwaredi adi wɔ asafo no mu? Wɔ abusua no mu? Ɔkwan bɛn so na awofo ne afoforo betumi ahyɛ nokwaredi ma Onyankopɔn ne abusua no ho nkuran?
WƆ ASAFO NO MU
3 Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ mmerantebere yɛ nea anigye wom, nanso ɛde asɛyɛde a anibere wom ba. (Ɔsɛnk. 11:9-12:1) Gyinaesi titiriw a mmofra hyia fa ahosohyira ne asubɔ ho. Afei nso, teokrase ne wiase botae horow a wɔbɛpaw wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ nnamfo a ɔpaw mu yiye. Ɛsɛ sɛ gyinae biara a osi no da nokware dɔ ma Yehowa ne n’asafo no adi. Eyi ne ade koro pɛ a ɛde abotɔyam, asomdwoe ne anigye ankasa ba.—Dw. 149:1, 4.
4 Mmofra ani taa gye nokwaredi ma nnamfo ho. Eyi betumi ayɛ sɔhwɛ a emu yɛ den bere a nnamfo a wɔte saa yɛ nneɛma a ɛmfata Kristoni no. Eyi ma mmofra pii hyia tebea a ɛma wɔn nokwaredi mu paapae. So wobɛbɔ bɔne a anibere wom ho amanneɛ anaasɛ wubebu w’ani agu so te sɛ nea asɛm biara nsii anaa? Obu a wowɔ ma mfɛfo Kristofo ne ɔdɔ ma Onyankopɔn bɛka wo ɔkwan biara so ma woabɔ amanneɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 5:1 kyerɛ no. Enti ɛsɛ sɛ, Kristofo mmofra kwati “nsɛmmɔnedi fafafo” a wɔbɛyɛ denam nokwaredi a ɛmfata mu a wobekura so.—Deuteronomium 13 6-8; Nhyehyɛe nhoma, kratafa 181.
5 Nneɛma ahorow bi wɔ hɔ a ɛma tebea horow a ɛwɔ atifi hɔ yi yɛ nokwaredi ho sɔhwɛ ankasa. Nea edi kan no, sɛnea onua barima kumaa bi kae no, mmofra no bi wɔ hɔ a “pɛsɛmenkominya honhom” na ɛka wɔn mmom sen nokware dɔ ma wɔn nnamfo. (Lev. 19:17; Mmeb. 27:5, 6) Eyi ma wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka ho biribi na wɔanhwere saa nnamfo a wɔn bɔne ada adi no. (Mmeb. 9:8) Esiane honhom mu mmerɛwyɛ nti, ebia mmofra no binom ne wɔn awofo bo befuw kakra bere a wɔabɔ bɔneyɛ a ɛte saa ho amanneɛ no. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi siw mmofra a wɔyɛ anokwafo kwan sɛ wɔbɛbɔ amanneɛ. Asafo no mufo dodow no ara ani sɔ na wobu nokwaredi mu akokoduru a ɛte saa a yɛn mmofra wɔ no.
6 Mmofra anokwafo nya asafo nhyiam horow mu kyɛfa, na wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa nso. Wɔnntew wɔn ho. (Mmeb. 18:1) Mmofra bebree repow nnwuma a akatua wom kɛse anaasɛ nhomasua bebree mmom na wɔde ɔsom adwuma no asi wɔn anim. Wɔde ahobrɛase gye afotu ne akwankyerɛ fi mpanyimfo nkyɛn a ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so adi nokware wɔ ɔsom kronn mu.
WƆ ABUSUA NO MU
7 Hwɛ hokwan ahorow fɛfɛ a mmofra wɔ sɛ wɔbɛboa ma abusua biakoyɛ aba na wɔanyin honhom mu! Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a ebinom a wɔatra nokware no mu fi mmofraase bɛte nka sɛ “wɔahwere biribi” de, nanso afoforo a na wɔwɔ wiase ansa na wobehuu nokware no di awerɛhow wɔ nneɛma bɔne a wɔyɛe wɔ wiase ne bere a wɔsɛee no no ho. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yehu mmofra a wɔde nokwaredi adi wɔn awofo akwankyerɛ akyi wɔ nokware no mu! Ɔreka n’ankasa ne suahu ne sɛnea ne maame aboa no wɔ nokware no mu ho asɛm no, onua bi a ɔwɔ Betel kyerɛɛ anisɔ sɛ wanyɛ wiase no ne n’akwan horow no fã da.
8 Wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi ayɛ pii de ahyɛ mmofra nkuran wɔ ɔsom a nokwaredi wom mu. Boa wɔn ma wɔmfa honhom mu botae horow nsi wɔn anim sɛ wɔbɛboa asafo no na awiei koraa no wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no mu. (Hwɛ Mmebusɛm 16:3.) Mo ne wɔn nnya asɛnka adwuma mu kyɛfa daa.
9 Atuatew honhom ahyenhyɛn nhyehyɛe dedaw a ɛrekɔ awiei yi nyinaa mu. Nokware a wonni ne nea aba so. Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, ɛsɛ sɛ yɛko tia biribiara a ebetumi ahaw yɛn som ma Yehowa no. Hwɛ Yehowa kwan sɛ ɔbɛma woanya anigye ne nhyira horow a ne som de ba no. Mmofra, munsusuw asetra mu asɛyɛde ahorow ho yiye na momfa nokwaredi ne nyamesom pa mu ahofama nhyia da biara da asetra mu sɔhwɛ ahorow.