Asemmisa Afã
●Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra adwene mu na akenkan a wɔyɛ wɔ asafo nhyiam horow ase no ayɛ nea eye, na henanom na ɛsɛ sɛ wɔma wɔyɛ akenkan fi asafo nhoma ahorow mu wɔ nhyiam a ɛtete saa ase?
Wɔn a wɔde dwumadi hyɛ wɔn nsa ma wɔkenkan fi asafo nhoma ahorow te sɛ Ɔwɛn-Aban, Commentary on James, Yɛn Ahenni Som, ne ade mu wɔ asafo nhyiam ahorow ase no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ akenkanfo pa. Su foforo a ɛho hia no bi ne sɛ wotumi sisi nsɛm so dua, wɔn nne mu da hɔ, wotumi gyinagyina mmeae horow a ɛfata, wɔbobɔ nsɛmfua ahorow din yiye, ne ade. (Hwɛ Theocratic Ministry School Guidebook, nkratafa 30 ne 31.) Akenkan pa a wɔbɛyɛ wɔ kuw no mu ho hia. Anyɛ saa a wɔn a wɔretie no rente nea wɔkenkan no ase na wɔremfa nni dwuma. Ne saa nti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkenkan wɔ asafo nhyiam horow ase no ma ɔsomafo Paul asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 4:13 no tra wɔn adwene mu: “Bata ɔkenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho.”
Ɛsɛ sɛ wɔde mpanyimfo, asafo mu asomfo ne anuanom mmarima afoforo a wɔn ho akokwaw na wɔagye asubɔ yɛ saa, bere biara a eyinom wɔ hɔ. Sɛ onua barima a wagye asubɔ biara nni asafo no mu a obetumi akenkan ma ɛno aba wɔn a wɔahyia mu no mfaso honhom mu a, ɛnde nea ɔhwɛ adesua no so no ankasa betumi akenkan nkyekyem ahorow no anaasɛ obetumi ama anuanom mmea bi a wonim akenkan yiye ayɛ saa. Yɛsrɛ wo, hwɛ asemmisa afa a ɛwɔ November, 1971, Yɛn Ahenni Som mu no.