Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/95 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Mu Nneɛma Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Sukuu a Esiesie Yɛn Ma Dwumadi Ahorow a Ehia Sen Biara
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 5/95 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kɔ nhyiam ahorow?

Yɛn nsa ka ɔkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ a mfaso wɔ so wɔ asafo nhyiam ahorow ase dapɛn biara. (Yes. 48:17; Heb. 10:24, 25) Nanso, sɛnea yebenya mu mfaso no gyina sɛ ebia yesiesie yɛn ho yiye kɔ anaa yɛnyɛ saa no so kɛse.

Ɛbɛyɛ papa sɛ abusua no muni biara de n’ankasa nhoma a obesua ne nneɛma afoforo a ehia bɛkɔ nhyiam horow no. Nea ɛka eyi ho ne Bible, dwom nhoma, nhoma a yɛresua, nhoma a wɔkyerɛw mu, ne kyerɛwdua.

Sɛ yɛrekɔ Teokrase Ɔsom Sukuu a, “Theocratic Ministry School Schedule” no ne Theocratic Ministry School Guidebook no ho hia. Saa nneɛma yi boa yɛn ma yɛma osuani no kasa a ɔrema no tra yɛn adwenem na yedi sukuu sohwɛfo no akyi bere a ɔma afotu no. Yɛn ankasa betumi de afotu ne nyansahyɛ ahorow no adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ankasa kasa ahorow ne nsɛm a yɛka wɔ asɛnka mu no betu mpɔn. Efi January no, ɔkyerɛkyerɛ kasa no mu dodow no ara gyina Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom no so. Ebia entumi nyɛ yiye sɛ abusua muni biara de n’ankasa de bɛkɔ; ebia wobetumi de biako akɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bi ahwɛ mu.

Sɛ yɛrekɔ Ɔsom Nhyiam a, ehia sɛ yɛfa ɔsram no mu Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma no. Fa nhoma ahorow a wɔbɛtwe adwene akɔ so wɔ nhyiam no mu, te sɛ nhoma ahorow a wɔde bɛma a wɔbɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no bi kɔ.

Ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn mma atra ase komm atie nsɛm wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Ɔwɛn-Aban ne nhoma afoforo a wode wɔn ankasa de bɛma wɔn, ansa na wɔatumi akenkan ade mpo no, hyɛ wɔn nkuran ma wɔkyerɛ ho anigye. Sɛ wɔkyerɛ mmofra sɛ wɔnnyɛ teokrase nhoma ahorow basabasa na wɔmfa nni dwuma a, wonya honhom fam su pa a ɛtra hɔ kyɛ.

Anigye ne akomatɔyam a yenya fi asafo nhyiam ahorow mu no yɛ kɛse bere a yesiesie yɛn ho yiye no. (2 Tim. 3:17) Eyi ne ɔkwan pa a ɛsen biara a yɛbɛfa so ahu sɛ ‘Onyankopɔn pɛ ho nokware nimdeɛ ayɛ yɛn ma, honhom, nyansa ne ntease nyinaa mu.’—Kol. 1:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena