Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Ne Nsɛmma Nhoma
1 Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ ɛfata sɛ yɛkyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no pii. Sɛ nhwɛso no, bere a wokenkan April ne May Engiresi de no, so woante nka sɛ wobɛka asɛm a ɛho hia no akyerɛ afoforo? April 15 Engiresi Ɔwɛn-Aban, no de adwene kɔɔ “Awurade mpae” a wɔtaa bɔ nanso wɔnte ase titiriw biara no so, bere a April 22 Engiresi Nyan! no kaa nsɛm ahorow a ɛfa nnɛ wiase yi mu mmofra amanehunu ho asɛm.
2 Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii bɔ Awurade mpae no de, nanso wɔn mu baahe na wɔte ase ankasa? Wɔ nnipa anokwafo pii fam no ɛyɛ anigyesɛm kɛse ma wɔn sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, sɛ ahenni a wɔbɔ ho mpae no yɛ ahenni paara a ɛwɔ hɔ nnɛ ne sɛ nea ɛka Onyankopɔn apɛde ma asase yi ho ne paradise asase a wɔbɛsan de asi hɔ ne awufo a wobenyan wɔn. Wɔ nokware mu no, yɛmpɛ sɛ yɛde saa asɛm a ɛho hia yi kame wɔn a ɛho da so hia wɔn no!
3 Ampa sɛ yɛn yam hyehye yɛn ma mmofra ɔpepem pii a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ April 22 Engiresi Nyan! no mu no! Wɔn mu pii te sɛ ‘nguan a wonni hwɛfo,’ ebia wɔapow wɔn, wɔmpɛ wɔn asɛm na woayera wɔ basabasayɛ wiase yi a ɔyare abɔ no no mu. Sɛ wɔma wɔn kwan ma wohu nea Bible no ka sɛ wɔnam so beyi nnɛyi nsɛm a emu yɛ den afi hɔ no a, so ebia mmofra yi mu mpempem pii ne Yehowa remmenya abusuabɔ pa a anigye wom anaa?
4 Bere a yɛde nsɛmma nhoma rema no ɛho nhia sɛ yɛde asɛnka tenteenten ma. Nkyerɛkyerɛmu tiaa a yɛde bɛma wɔ nea enti a ɛfata sɛ wɔkenkan asɛmti bi a yɛapaw no bɛdɔɔso ma akanyan ofiewura no anigye. Ma yɛmfa nsɛmma nhoma a ɛho asɛm wɔ atifi hɔ no nyɛ nhwɛso kakraa bi. Na yebetumi adan mu kakraa de adi dwuma wɔ afoforo nso ho, te sɛ May ne June de no.
5 “Maakye. Me ne me nnamfo ne yɛn afipamfo rebɔ Onyankopɔn mpae a yɛbɔ no ho nkɔmmɔ. Yɛn mu pii da so ara bɔ mpae a yesua fii yɛn mmofra bere mu no, a ɛne, ‘Awurade mpae’ anaasɛ ‘Yɛn Agya a ɔwɔ soro’ no. Ɛwom sɛ wɔabɔ no mpɛn pii de, nanso ebinom rehu sɛ biribi wɔ saa mpaebɔ no mu ankasa sen sɛnea wɔtee ase kan no. Ɛno nti na wɔasiesie saa asɛm titiriw a wɔato din ‘Mpaebɔ Nhwɛso No.’ Wofi Kyerɛwnsɛm mu akyerɛkyerɛ nea ‘Awurade mpaebɔ’ no mu asɛm biara kyerɛ no mu. Wo de ni a Nyan! biako ka ho, ɛyɛ ¢2.”
6 Asɛnka foforo betumi ayɛ: “Me ne m’abusua regye bere kakraa anɔpa yi ne yɛn afipamfo abɔ mpaebɔ ho nkɔmmɔ. Wugye di sɛ Onyankopɔn da so tie mpaebɔ? Ma kwan ma ommua.] Nnipa bebree ntumi nhu sɛ ebia Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ anaasɛ ebia wɔbɔ Onyankopɔn mpae wɔ ɔkwan pa so. Wɔakyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu wɔ asɛm ‘So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?’ no mu wɔ saa Ɔwɛn-Aban yi mu. Yehui sɛ ɛyɛ anigye ne nea ɛho wɔ mfaso ma mepɛ sɛ mede eyi ne saa Nyan! yi ka ho ma wo, de gye ntoboa ¢2.”
7 Ma yɛnyɛ nhwɛso foforo, na yɛmfa Nyan! nni dwuma afei. “Yɛresrasra nkurɔfo tiaa esiane anigye a yɛwɔ wɔ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ yɛn mpɔtam ha ho no nti. Ebia wunim sɛ mmerante ne mmabaa bebree nni anigye wɔ asetra mu ɛwom mpo sɛ wɔwɔ ɔhonam fam nneɛma pii sen wɔn mfɛfo a wɔtraa ase wɔ awo ntoatoaso a atwam no mu de. Nokware mu no, mmerante ne mmabaa binom mpo di wɔn ho dɔm. Dɛn nti na ɛte saa? Na dɛn na mmerante ne mmabaa hia na wɔn asetra ayɛ nea anidaso wom? Wɔabua nsemmisa ahorow yi wɔ saa Nyan! yi mu! Yɛpɛ sɛ wugye eyi ne saa Ɔwɛn-Aban yi, a ɛyɛ ntoboa ¢2.”
8 Esiane sɛ asafo horow no kraa April 15 ne April 22 de a wɔbɔɔ din yɛe no pii nti, ebia woda so wɔ bi wɔ wo bag mu. Sɛ saa a, hwɛ sɛ wode ne nyinaa bɛma dapɛn yi awiei, denam nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ atifi hɔ yi so. Yehowa nhyira yɛn nyinaa bere a yɛde nsɛmma nhoma fɛfɛ yi di dwuma de kanyan anigye wɔ n’ahenni no mu no.