So Wode 1983 Kalenda No Redi Dwuma?
1 Bere bɛn na kalenda bae? Bere tenteenten ansa na onipa reba! “Na Onyankopɔn kae sɛ: Akanea mmra ɔsoro ntrɛwmu no mu, na ɛmmɛpae awia ne anadwo mu, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne ne bere nkyekyem ne nna ne mfe.” (Gen. 1:14) Yiw, esiane sɛ Yehowa di bere nhyehyɛe akyi nti, ɔma ɛyɛɛ yiye sɛ onipa nso bɛyɛ saa ara. Nokwarem, asɛmfua kalenda no adeyɛ kabea no fa agyiraehyɛ ne nhyehyɛe yɛ ho.
MMOA A ƐBƐMA ASƐNKA ADWUMA AKƆ SO
2 Asafo no ama yɛn nsa aka kalenda fɛfɛ ma 1983. So wode redi dwuma de ayɛ wo dwumadi ho nhyehyɛe? Ebetumi aboa wo ma woadu wo asɛnka adwuma botae no ho ɔsram biara sen sɛ wonnyɛ nhyehyɛe biara. Wɔahyɛ nyansa sɛ momfa simma kakraa bi, ebia wɔ mo abusua Bible adesua a etwa to wɔ ɔsram no mu bere a mo nyinaa ahyiam no, na monyɛ ɔsram a edi hɔ no asɛnka adwuma ho nhyehyɛe. Mubetumi ahyɛ nna ne mpo, nnɔnhwerew dodow a obiara abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ adwuma no agyirae wɔ kalenda no so. So nhyehyɛe a ɛte sɛɛ betumi aboa wo ma woayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu sen nea woreyɛ mprempren no?
3 Sɛ wususuw ho a, so saa nnɔnhwerew a wode yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nka nea ɛsom bo kɛse wɔ ɔsram no mu no ho? So ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma afoforo ne saa mmere a yɛahyɛ da atu asi hɔ ama Yehowa som no hyia? Ɛyɛ yɛn ɔsom kronn, ayeyi afɔre a yɛbɔ ma no ɔsram biara no fã titiriw. “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Nneɛma a ɛho nhia kɛse no mpo, yennyaw no saa ara kwa, enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe, nhyehyɛe ma ‘bere a wɔde kasa’ fa Yehowa, ne Ba ne n’Ahenni no ho. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm bere biara a ɛfata, nanso mprempren de nea ɛho hia yɛn ne bere nhyehyɛe ma asɛnka adwuma. Nhyehyɛe pa bɛboa yɛn ma yɛayɛ nea Dawid ka too hɔ no, bere a ɔkae sɛ: “Wɔka w’ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din.”—Dw. 145:11.
ƐHO MFASO AFOFORO
4 Ɔkwan bɛn so bio na yebetumi de kalenda no adi dwuma? Yebetumi ahyɛ nneɛma ahorow te sɛ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam bere nsow wɔ so, ne afei ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ bere ahorow a ɛrebɛn. Bere a mmere horow yi wɔ w’adwene mu no, wubetumi ayɛ ahommegye bere ne asram a wode bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma ho nhyehyɛe. Saa kwan yi so no yɛrenyɛ nneɛma a ɛho nhia kɛse ho nhyehyɛe a ɛbɛhaw yɛn. Kalenda no a yɛde bedi dwuma yiye no betumi aboa yɛn ma ‘yɛakɔ so saa ara.’—Fil. 3:16.
5 Wɔatintim dapɛn biara Bible akenkan ho nhyehyɛe no wɔ wo kalenda no so. Ebinom kyerɛw bere a wɔatu asi hɔ dapɛn biara a wɔde kenkan no wɔ so, na wodi so. Odwontofo no hyɛ nyansa sɛ kenkan Bible no da biara.—Dw. 1:2.
NA MFONINI AHOROW NO NSO Ɛ?
6 So woagye bere de asusuw tebea horow fɛfɛ no ho? So ɛmma wonte aman ne aman ntam nuayɛ bi nka? Ɛkae yɛn biakoyɛ a ɛso bi nni a ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu bere a yɛn nyinaa yɛ adwuma koro wɔ wiase nyinaa no! So wowɔ mmofra nkumaa? Dɛn na wubetumi afi mfonini ahorow no mu akyerɛ wɔn wɔ Yehowa ahyehyɛde no ne yɛn adwuma no ho? Denam wo mmoa so no, wɔn nso betumi abehu yɛn adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa ne yɛn nuayɛ no.
7 So woasusuw mfonini ahorow no a wubegyina so adi adanse bɔnnɔ so no ho? Bere a abusuafo, afipamfo, adetɔnfo ne afoforo aba wo fi no, wubetumi atwe wɔn adwene akɔ mfonini ahorow no so na ebia woafi nokware no ho nkɔmmɔbɔ ase. Ebia wobehu sɛ yɛyɛ aman ne aman ntam ahyehyɛde a yeyi yɛn Nyankopɔn, Yehowa, no ayɛ ampa.
8 Yiw, mfaso pii wɔ yɛn 1983 kalenda no so. So ɛmma w’ani mma afe asɛm no so kɛse? So aboa wo ma woadi sankɔhwɛ bi ho dwuma anaasɛ ma woahyɛ da akɔsra anigyefo a wunyaa wɔn wɔ asasesin no mu? So wokyerɛw nnɔnhwerew ne simma dodow a wode yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ so sɛnea ɛbɛyɛ a wo ɔsram biara akontaabu no bɛyɛ pɛpɛɛpɛ? Ebia wubehu teokrase mfaso afoforo a ɛwɔ kalenda no so.
9 So wo kalenda no bɔ baabi pa? Faako a ɛho bɛba abusua no mfaso kɛse? Sɛ́ nea ɛkae yɛn honhom fam nneɛma daa no, momma ɛmmoa yɛn nyinaa ma yɛmfa nhyehyɛe pa ntra ase. Yehowa ne Onyankopɔn a ɔyɛ nhyehyɛe yɛfo no. (1 Kor. 14:33) Ɔpɛ sɛ yɛyɛ “ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.” (1 Kor. 14:40) Yɛn 1983 kalenda fɛfɛ no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa.