1989 Kalenda No So Ade Foforo Bi
1 Wɔ mfe asia mu no yɛn ani agye kalenda ahorow a yɛn nuanom a wɔredi adanse wɔ nsase ahorow so mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ wɔ so no ho. Nanso afe foforo a ɛda yɛn anim pɛɛ yi mu no, yebenya kalenda foforo bi a ɛbɛboa yɛn ɔkwan soronko so.
2 Yehowa Adansefo 1989 Kalenda no de Bɔhyɛ Asase no so mmeae ahorow bi mfonini a ɛyɛ fɛ bɛma. Wɔbɛkyerɛw nea yehu wɔ mfonini no mu no ho nsɛm wɔ mfonini akɛse no biara ase. Wɔbɛka Bible mu nneɛma a esisii wɔ saa mmeae no anaasɛ nsɛm a ɛkyerɛ nea enti a beae no ho hia yɛn sɛ Onyankopɔn Asɛm no asuafo a wɔyɛ nnam no.
3 Nokwarem no kalenda no de nneɛma a yɛakyerɛ ho anisɔ bere tenten, te sɛ Bible akenkan nhyehyɛe no bɛba ara. Nanso ɛda adi sɛ wubehu sɛnea wode bedi dwuma afoforo esiane Bɔhyɛ Asase no mfonini akɛse a ani da hɔ no nti. Sɛ nhwɛso no, January/February de Megido mfonini a wofi soro twae bɛkyerɛ a wubetumi de adi dwuma wɔ Bible adesua ase de akyerɛkyerɛ nea Harmagedon kyerɛ no mu. Mfonini ahorow no bɛboa yɛn ma yɛayɛ Bible mu nsɛm ho mfonini wɔ yɛn adwenem, enti ɛda adi sɛ awofo de bedi dwuma bere a wɔne wɔn mma bɔ Bible mu nsɛm ho nkɔmmɔ no.
4 Wɔde nɔma bɛhyɛ mfonini ahorow no ne ase nsɛm no agyirae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu biako bi pɔtee sɛ moresusuw Bible mu asɛm bi ho wɔ nhyiam afã bi mu a. Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wonya kalenda no bi ka ho na wɔde mfonini no to ahwehwɛ mu anaasɛ wɔpam bom na wɔde adi dwuma daa. Ɛsɛ sɛ saa mfonini ahorow yi yɛ nea mfaso wɔ so a wɔde bɛka teokrase nhomakorabea no ho. Yɛsrɛ mo sɛ sɛ morekra a munsusuw eyi ho.