Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/82 kr. 3
  • Kalenda Foforo Fɛfɛ Ma 1983

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kalenda Foforo Fɛfɛ Ma 1983
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1984 Kalenda
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • So Wode 1983 Kalenda No Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1989 Kalenda No So Ade Foforo Bi
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Afe 2011 Calendar no Twe Adwene Si Abusua Som So
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 11/82 kr. 3

Kalenda Foforo Fɛfɛ Ma 1983

1 Wɔ “Ahenni Nokware” ɔmantam nhyiam horow a aba awiei nnansa yi ara no ase no, yɛn ani gyei sɛ yɛtee wɔ nsɛm a wɔde wie no mu sɛ wɔasiesie 1983 kalenda bi a ɛyɛ fɛ na ɛho wɔ mfaso. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ amanneɛ bio sɛ saa kalenda yi benya mfonini akɛse asia a ɛfa ahenni asɛnka adwuma no ho a wɔde nnuru anaa kɔla ahorow anan atintim, a asram abien wɔ mfonini biako biara ase. Sɛ wotrɛw mu de sɛn ban ho a, ne trɛw bɛyɛ nsateakwaa 111/2 na ne tenten ayɛ nsateakwaa 171/2.

2 Afe asɛm ne Nkaedi da a ɛwɔ so akyi no, ɛkyerɛ asɛnka adwuma nna ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi anya asafo no kuw adansedi adwuma mu kyɛfa daa. Yebetumi ahu honhom mu mfaso a nneɛma horow yi de ma.

3 Wobetintim kalenda no wɔ Engiresi, Franse, German, Hela, Italian, Japanese, Korean, Portuguese ne Spanish mu. Kalenda no biara yɛ ¢6.00. Enni akwampaefo bo biara. Yɛsrɛ mo monkra dodow biara a muhia no denam nhoma sohwɛfo no so, na esiane sɛ ɛyɛ ade a wɔde sika ka ho kra nti, wɔrenkra ngu asafo no mu a wubetumi atɔ bi bere biara. Esiane amanade bo a ɛkɔ soro nti, yɛbɛsrɛ sɛ mode nea mohwehwɛ nyinaa bɛbom de afa asafo no so, sen sɛ mobɛkra no mmiako mmiako afi Asafo ti. Sɛ momfaa nea mo asafo no hwehwɛ mmae dedaw a, ɛnde monhwɛ sɛ mode bɛka October sika a mode bɛmana bɛyɛ November 6, 1982 no ho, anaasɛ ansa na November 15 atwam, denam Special Calendar Order kratasin (S-5) a wɔde amana asafo biara no a mode bedi dwuma so. Yɛde kalenda no bɛmana asafo horow no bere tenten a ebi da so wɔ hɔ, na wɔn a wodii kan krae no na yebedi kan adi wɔn de he dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena