1984 Kalenda
Nnipa pii akyerɛ anisɔ wɔ 1983 kalenda no ne n’afã horow a wotumi de di dwuma, ne nkaebɔ wɔ asɛnka adwuma mu no ho. Wɔreyɛ 1984 kalenda no ho adwuma mprempren. Ebenya afã atitiriw te sɛ 1983 de no, a mfonini ahorow a ɛda 1984 afe asɛm no ti adi ka ho a ɛkyerɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ no akokoduru so wɔ wiase nyinaa. Wɔde krataa a ne bo yɛ den ne aduru ahorow na ɛreyɛ a ɛbɛma ayɛ fɛ kɛse. 1984 kalenda no biako bo bɛyɛ ¢25.00. Yɛsrɛ mo mummu mo ani ngu Kalenda bo a ɛwɔ yɛn Cost List, AB July 1, 1983 mu no so.
Yɛn nsa bɛka 1984 kalenda no wɔ Engiresi ne Franse kasa mu nkutoo wɔ Ghana. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow kra bi ntɛm ara Wɔ Literature Order kratasin (S-14) no so na wɔkyerɛ Engiresi kalenda dodow a wɔpɛ wɔ “Controlled Stock Items” ase. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ kalenda a ɛwɔ Franse kasa mu a wɔpɛ wɔ “Other Language Publications” ase na wɔkyerɛ ɛno nso dodow a wɔpɛ.
Mommmfa sika nka ho nkra. Kalenda ka “Controlled Stock” nneɛma no ho na ɛsɛ sɛ mode ho sika no ka sika a mode brɛ Asafo ti daa no ho bere a mo nsa aka kalenda no akyi. Yɛsrɛ mo monhwɛ Asafo krataa a wɔkyerɛw no February 1, 1983 mu, a ɛfa “Controlled Stock” nhyehyɛe ho no mu.