Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—A Botae No Ne Sɛ Yebefi Adesua Ase
1 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ asɛnkafo. (Mat. 10:7) Wɔkyerɛ ɔsɛnkafo ase sɛ obi a ɔkasa wɔ abɔnten a mpɛn pii ɔde nyamesom mu afotu rema. Akyiri yi Yesu daa no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsen asɛnkafo ara kwa. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo, wɔn a wɔkyerɛ sɛnea wɔyɛ ade, wɔde ntetee ma na wɔkyerɛkyerɛ. (Mat. 28:19, 20) Asɛnka bɛma afoforo ate Ahenni Asɛm no, nanso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma afoforo ayɛ asuafo no, ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ na ɛno kyerɛ ofie Bible adesua a wobefi ase na wɔayɛ.
2 Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo esiane bere no nti.’ (Heb. 5:12) Mprempren mmere no yɛ nea emu yɛ den. Wɔretete yɛn ma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo. So woanya nkɔso wɔ eyi mu? Ɔkwan titiriw a yɛnam so kyerɛkyerɛ afoforo ne Bible adesua. So worenya dwumadi yi mu kyɛfa? Sɛ ɛnte saa a, so pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de afi adesua ase na ama woatumi akyerɛkyerɛ afoforo?
3 Yɛn su ma yehu sɛnea yɛn adwuma no bɛyɛ kɛse. Ebinom ka sɛ wontie asɛm no wɔ wɔn asasesin no mu na anidaso kɛse biara nni hɔ sɛ wobenya koma pafo a wobesua. Bere a wonhu no, ebia wɔabu wɔn a wɔwɔ wɔn asasesin mu no sɛ wɔmfata sɛ wɔboa wɔn. Nanso yɛn nyinaa betumi akae wɔn a na wɔsɔre tia denneennen a akyiri yi wɔabegye nokware no nhwɛso horow.—Gal. 1:13, 23.
4 Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yenya anigye wɔn nea yɛyɛ mu, titiriw wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Dɛn na ɛde anigye a ɛsen biara ba? Ɛnyɛ akontaabu a ɛsɔ ani ara kwa. Anigye ankasa fi afoforo a wɔboa wɔn mu na ɛba. Paulo kaa wɔn a na waboa wɔn no ho asɛm sɛ ‘n’anigye.’ (1 Tes. 2:19, 20) Yenya anigye wɔ nsiyɛ a yɛde hwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Yehowa no mu. Sɛ yehu wɔn a, yɛde nimdeɛ a yɛwɔ nyinaa bedi dwuma de aka asɛm no wɔ ɔkwan a wɔbɛte ase yiye na wɔn ani agye ho so sɛnea yebetumi. Faako a wotie no, yɛn botae ne sɛ yɛbɛda Kyerɛwsɛm mu nokware horow bi adi a ɛbɛka onipa no koma. Kyerɛwtohɔ a yɛbɛyɛ na yɛayɛ nhyehyɛe ankasa sɛ yɛbɛsan akɔ no bɛkyerɛ sɛ wɔn ho hia yɛn ampa. Saa adwempa yi kyerɛ sɛ yɛn nso yebenya ‘anigye kɛse’ wɔ yɛn som adwuma no mu.—Aso. 15:13.
5 Adwempa a yɛde kɔ wɔn nkyɛn betumi ama yɛahu dodow a yɛyɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa obi ampa a, yebetumi ahu kwan a yɛbɛfa so bere nyinaa. Nokware dɔ mpa abaw ntɛm. (1 Kor. 13:7) Adwempa a yebenya da no adi sɛ yɛyɛ mmɔdenbɔfo na yegye di sɛ nea yɛwɔ no yɛ papa. Sɛ yɛka sɛ yɛne afoforo besua ade na yɛma ɛyɛ yɛn aniberesɛm a, ɛno ankasa betumi ama wɔayɛ aso atie.
6 Ná Yesu wɔ adwempa. Onyaa ɔdɔ ankasa maa afoforo. (Mat. 9:36) Ɔtee nka kɛse wɔ n’adwuma a ɔbɛyɛ no yiye ho. (Yoh. 4:34) Ná ogye di sɛ nokware no betumi asakra nkurɔfo asetra. (Yoh. 8:32) Ná ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde n’ankasa ahomegye bɛbɔ afɔre de aboa wɔn. (Marko 6:31-34) Biribiara a ɔyɛe wɔ n’agya som mu no daa anigye a ɔhyɛe sɛ ebefi ɔma mu aba no adi. (Aso. 20:35) Hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yɛde nnam srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ sɛ Yesu!—1 Yoh. 5:14.
7 Yehowa kɔ so yɛ nsiesiei pa ahorow ma aboa yɛn wɔ ɔsom adwuma no mu. Wɔahyɛ da asiesie You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma no ma aboa ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani no nyinaa. Ne fɛ a ɛyɛ no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde bɛma. Emu nsɛm no bua nsemmisa pii a ɛwɔ nkurɔfo a wɔwɔ baabiara adwene mu no. Emu nsɛm ntiantia a emu da hɔ no ka koma. Mfonini ahorow fɛfɛ no ma Bible mu nsɛm no yɛ paara, na ɛka adwene mu kɛse. Ɔkwan pa bɛn bio na Yehowa betumi afa so abua yɛn adesrɛ sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ akyerɛkyerɛfo no? Ampa, ɛyɛ Yehowa na ɔma nkɔso ba na ɔno na nea yɛyɛ no ho ayeyi sɛ no. Nanso, sɛ yenya adwempa na yɛde mmoa a ɔde ma no di dwuma na yɛde yɛn ahoɔden yɛ nea ɛsen biara a yebetumi a, ɛnde yebenya akatua sɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.—1 Kor. 3:5-9.
8 Ɛyɛ nhyira sɛ yɛanya hokwan sɛ yɛde Live Forever nhoma no bɛma bio wɔ yɛn afie afie som adwuma no mu February ne March mu. Wɔ asram abien yi nyinaa mu no, ka asɛmpa no a botae a ɛne sɛ wubefi ofie Bible adesua ase wɔ w’adwene mu.