Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/83 kr. 8
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Adansesɛm A Ɛba Bere Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Adansesɛm A Ɛba Bere Ano
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Afotu A Eye
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • So Wodɔ Yehowa Nkae Nsɛm Kɛse?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ɔmansin Nhyiam Horow—Honhom Mu Nkanyan
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Ɔmansin Nhyiam Foforo A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛahyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 11/83 kr. 8

Ɔmansin Nhyiam Horow​—Adansesɛm A Ɛba Bere Ano

1 Yɛn ani sɔɔ ɔmansin nhyiam a na ne ti ne “Monyɛ Adefo Onyankopɔn Fam, Ɛnyɛ Aniberefo” no esiane ba a ɛbaa ne bere mu ne n’adansesɛm horow a eye no nti. Esiane honam fam nneɛma ho dawurubɔ a wɔasiesie na akanyan pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ahorow a atwa yɛn ho ahyia nti, ná ɛhyɛ nkuran sɛ yebesusuw Yesu Kristo, Paulo ne afoforo a wɔamma wɔn ani ammere honam fam nneɛma nhwɛso horow no ho. Ná wɔpene kakra a ɛho hia a wɔwɔ no so bere a wɔde wɔn adwene sii Yehowa a wɔbɛsom no, ne afoforo a wɔbɛyɛ wɔn yiye so no. (2 Kor. 8:9; 12:14-18) Afei nso, Kyerɛwsɛm mu nsɛm a wɔde mae ahoɔden so no kae yɛn hia a ɛho hia sɛ yɛde anidahɔ di dwuma na yɛkari pɛ wɔ nsɛm a ɛfa adwuma, akwahosan ne anigyede ho mu no. Momma ɛnyɛ yɛn adwene sɛ yɛremma kari a wɔnkari pɛ wɔ nneɛma yi mu ntwe yɛn mfi yɛn atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu no ho.

2 Efi February, 1984 mu no, wobefi ɔmansin nhyiam foforo ase a ne ti ne “Yeyi Yɛn Ho Kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asomfo.” (2 Kor. 6:4) Dɛn na ɛda Onyankopɔn nokware somfo adi? Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa yɛn ho ne yɛn mma ma yɛayere yɛn ho ankasa wɔ ɔsom adwuma no mu? Ɔkwan bɛn so na yɛremma nneɛma a yɛn ani gye ho nsum yɛn afiri? Nhyiam no bɛkyerɛ sɛnea asomfo a wɔn ho akokwaw da Onyankopɔn honhom aba no adi bere a wohyia nsɛm tebea horow no. Baguam ɔkasa no asɛmti ne “Daakye Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Wo?” Ɛsɛ sɛ dwumadi no nyinaa boa Yehowa nkurɔfo ma wɔbɔ mmɔden kɛse wɔ wɔn som adwuma mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, a anigyefo ka ho, nya adansesɛm a ɛte sɛɛ mu mfaso.​—Dw. 119:2, 24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena