Ɔmansin Nhyiam Foforo A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛahyɛ Onyankopɔn Anuonyam
“Yɛn Fam De a Yɛbɛyɛ Wɔ Anuonyam a Wɔhyɛ Onyankopɔn Mu” ne ɔmansin nhyiam ahorow foforo a efi ase wɔ February mfinimfini no ti. Yɛwɔ ntease ahorow pii nti a yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Esiane sɛ yɛnte sɛ nnipa a wɔwɔ wiase a wɔde ntɛmpɛ yi nnipa ayɛ wɔ nea wɔatumi ayɛ ho bere a wonhu Yehowa nnwuma a ɛyɛ nwonwa no nti, yɛn botae wɔ asetra mu ne sɛ ‘yɛbɛyɛ biribiara ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31) Ɔmansin nhyiam yi bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
Wɔ nkuranhyɛ a ɛde bɛma akwampaefo ne wɔn a wobetumi ayɛ akwampae adwuma no akyi no, Memeneda dwumadi no si hia a ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn nantew yiye bere a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no so dua. (Efe. 6:15, 16) Wɔde afotu pɔtee ma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ nneɛma a ɛsɛe ɔbra pa wɔ wiase yi mu no mu, ne hia a ɛho hia sɛ yɛbɔ ɔhonam akɔnnɔ asɛndua mu ho.
Wɔde ankorankoro Bible akenkan ho nyansahyɛ ahorow a eye ma Kwasida. Wo nsa bɛka afotu pa a ɛfa “Onyankopɔn Anuonyam a Yɛbɛhwehwɛ, Ɛnyɛ Yɛn Ankasa De” ho. Afoforofo benya mfaso titiriw wɔ baguam ɔkasa a efi Kyerɛwnsɛm mu kyerɛ wiase nyinaa asomdwoe fibea koro pɛ no a wobetie no mu. Wɔn a wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam yi nyinaa bɛte nka sɛ wɔanya denhyɛ wɔ honhom mu na ahyɛ wɔn gyidi den nso. Hwɛ sɛ wobɛkɔ bi na to nsa frɛ afoforo ma wɔnka wo ho.