Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/07 kr. 6
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Foforo A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛahyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 11/07 kr. 6

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Ɛfata sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam. Ɔkwan bɛn so na yɛhyɛ Yehowa anuonyam? Dɛn na ɛma ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam? Nhyira bɛn na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam nnɛ no nya? Ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ no 2008 ɔsom afe no mu no bɛma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛma akomatɔyam. N’asɛmti ne “Monyɛ ne Nyinaa Mfa Nhyɛ Nyankopɔn Anuonyam.” (1 Kor. 10:31) Susuw nea yebenya wɔ nnanu nhyiam a wɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn ho asɛm pii no ho hwɛ.

Ɔmantam sohwɛfo no bɛma ɔkasa a nsɛmti no ne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam?” ne “Yɛ Nhwɛso Pa wɔ Nea Onyankopɔn Hwehwɛ a Wobɛyɛ no Mu.” Ɔbɛma baguam ɔkasa, “Henanom na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam?,” ne kasa a etwa to a n’asɛmti ne “Wɔde Biakoyɛ Rehyɛ Onyankopɔn Anuonyam wɔ Wiase Nyinaa.” Ɔbɛsan ahwɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no so. Ɔmansin sohwɛfo no bɛma ɔkasa ahorow a ɛne “Fa Anigye Da Onyankopɔn Anuonyam Adi,” “Ɔmansin no Ahiade Ho Dwuma a Yebedi,” ne “Monkɔ So ‘Nnyina Nokware no Mu Pintinn,’” a egyina 2 Petro 1:12 so no. Bio nso, yebehu sɛnea “Akwampae Adwuma no Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔkasa abien a wɔakyekyɛm a ɛkanyan adwene no mu nea edi kan a ɛne “Onyankopɔn a Yɛbɛhyɛ No Anuonyam wɔ Yɛn Asetra Nyinaa Mu” no bɛkyerɛkyerɛ ntease a ɛwɔ asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:31 no mu akɔ akyiri. Ɔkasa a wɔakyekyɛm a ɛne “Ɔsom Kronn a Yɛde Beyi Yehowa Ayɛ” no bɛka yɛn som afã horow ho asɛm. Yɛn ani begye Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a wɔbɛbɔ no mua ne daa asɛm no a yebesusuw ho Kwasida no ho. Afoforo nso benya hokwan abɔ asu.

Adesamma dodow no ara nnye Onyankopɔn ntom. Nnipa nhyehyɛe agye nnipa pii adwene araa ma wonsusuw Yehowa anuonyam ho. (Yoh. 5:44) Nanso yɛwɔ ahotoso sɛ, sɛ yegye bere de susuw sɛnea ‘Yɛbɛyɛ Nneɛma Nyinaa De Ahyɛ Onyankopɔn Anuonyam’ no ho a, yebenya so mfaso. Yɛ nhyehyɛe kɔ bi na woanya dwumadi no nyinaa so mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena