Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/08 kr. 5
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monwɛn Na Mo Ani Nna Hɔ
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsiesiei Ma Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ama Onyankopɔn Asomfo
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 11/08 kr. 5

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina pintinn ako atia wɔn a wɔsɔre tia nokware som denneennen no? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia mmɔden a Satan kɔ so bɔ sɛ ɔbɛtwe yɛn akɔ wiase bɔne no mu bio no? Ɔmansin nhyiam dwumadi a wɔbɛyɛ no 2009 ɔsom afe mu no bebua nsɛmmisa a ɛho hia yi. Nhyiam no asɛmti ne “Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim.” (Rom. 12:21) Nsɛm a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ nhyiam no ase no bi na edidi so yi.

Ɔmantam sohwɛfo no bɛma ɔkasa ahorow yi, “Wɔasiesie Yɛn sɛ Yɛmfa Papa Nni Bɔne so Nkonim,” “Hwɛ Yiye na Woannye Wo Ho Anni Dodo!,” “Ɛrenkyɛ Abɔnefosɛm Nyinaa To Betwa!,” ne “Momma Yɛnhyɛ Yɛn Gyidi mu Den Mfa Nni Wiase so Nkonim.” Ɔmansin sohwɛfo no nso ne yɛn besusuw asɛmti, “Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛwɛn Ni!” ho, na egyina Romafo 13:11-13 so. Afei ɔbɛsan ne yɛn asusuw asɛm, “Mma W’aba Mu Mmu wɔ Ahohia Da Mu,” a egyina Mmebusɛm 24:10 so ho. Yɛhwɛ kwan nso sɛ ɔmansin sohwɛfo no bɛma ɔkasa a ɛne “Yɛn Mansin Ahiade a Yebesusuw Ho.” Ɔkasa foforo a ɛno nso bɛhyɛ yɛn nkuran ne “Wubetumi Atra ‘Ɔsom Adwuma Yi Mu’—Denam Akwampae Adwuma a Wobɛyɛ So?” Wɔbɛma ɔkasa a wɔakyekyem abien. Nea edi kan no asɛmti ne “Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam Nnɛɛdɛe.” Ɛbɛboa yɛn ma yɛahu anifere akwan a Satan nam mfiridwuma, anigyede, ne nhomasua so daadaa yɛn no, ne sɛnea yɛbɛpo. Ɔkasa a wɔakyekyɛm, “Hwehwɛ Ahoɔden Fa Ko Tia Satan wɔ Nna Bɔne Yi Mu” no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛde afotu a ɛwɔ Efesofo 6:10-18 no bɛyɛ adwuma yiye.

Abɔnefosɛm a wobetu ase ne Ahenni asɛm no a yɛreka no wɔ abusuabɔ tẽẽ. (Adi. 12:17) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan de n’ani asi Yehowa Adansefo so denneennen saa! (Yes. 43:10, 12) Nanso Ɔbonsam bedi nkogu koraa efisɛ yɛasi yɛn bo sɛ ‘yɛbɛkɔ so de papa adi bɔne so nkonim.’ Yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woakɔ ɔmansin nhyiam dwumadi no afã ahorow anan no nyinaa bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena