Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/84 kr. 7-8
  • Yɛ Bere Nhyehyɛe Ma Asɛnka Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Bere Nhyehyɛe Ma Asɛnka Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • FA BOTAE AHOBOW SI W’ANIM
  • Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa A Wubenya Dapɛn Biara De Anigye Pii Ba
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nhyira Horow A Yehowa A Wɔsom No De Ba
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Wɔn Ho A Wɔde Bɔ Afɔre Honhom A Wubenya
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • 1984 Ɔsom Afe No Kwan A Yɛbɛhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 7/84 kr. 7-8

Yɛ Bere Nhyehyɛe Ma Asɛnka Adwuma

1 Nokware Kristofo yɛ nnipa a wonni adagyew. (1 Kor. 15:58) Yɛwɔ nneɛma ahorow pii a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere yɛ. Enti, ɛho hia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a ebetumi ama yɛadi yɛn asɛyɛde ahorow pii no ho dwuma. Enti ɛsɛ sɛ yesusuw yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛbɛka asɛm no ho yiye na yɛma yɛn ani kũ ho, na yɛawie yɛn som no koraa.​—2 Tim. 4:5.

2 Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ bere nhyehyɛe no, wɔayi nna bi asi hɔ wɔ ɔsram no mu sɛ asɛnka nna atitiriw. Wɔada nna yi adi wɔ yɛn kalenda no so. Ɛno ne Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram biara mu no. Wɔ ɔsom nna atitiriw yi mu no, ebetumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse ama wɔn a wɔntaa nkɔ asɛnka ne wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɛka yɛn ho. Pii de Kwasida a edi kan wɔ ɔsram no mu no ayɛ da a abusua no nyinaa nya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa.

3 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da susuw Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram no mu no nso ho. Bere a ebia ebinom betumi de Memeneda biara ayɛ nsɛmma nhoma adwuma no, Asafo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden titiriw mfa yɛn ho nhyɛ nsɛmma nhoma adwuma no mu nna abien yi.

4 Amanneɛbɔ ahorow a yɛn nsa aka kyerɛ sɛ Memeneda nyɛ da a eye wɔ dapɛn no mu ma nsɛmma nhoma adwuma wɔ asafo ahorow a ɛwɔ nkuraase no pii mu. Eyi te saa esiane Memeneda a wɔde yɛ afuw mu adwuma titiriw no nti. Sɛ eyi te saa wɔ mo asafo no mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no paw nna afoforo wɔ dapɛn no mu a eye a wɔde bɛyɛ nsɛmma nhoma adwuma. Mmeae a wɔyɛ kuadwuma no pii wɔ hɔ a wɔwɔ da bi wɔ dapɛn no mu a obiara ntaa nkɔ afum. Ebia eyi bɛyɛ da a eye a mode bɛyɛ nsɛmma nhoma adwuma. Ebia ebetumi aba nso sɛ da a wɔde di gua wɔ hɔ no yɛ da a eye sen Memeneda. Ade a ɛho hia ne sɛ mubeyi nnanu asi hɔ wɔ ɔsram no mu de akyekyɛ nsɛmma nhoma. Mpanyimfo no betumi ayɛ nneɛma afoforo ho nhyehyɛe ma ɛne tebea horow a ɛwɔ faako a mowɔ no ahyia.

5 Sɛ yɛreyɛ nsɛmma nhoma adwuma a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ afiewuranom no nso nni adagyew. Memeneda ne da a wɔtaa de di fie nneɛma ahorow ho dwuma anaasɛ wɔde kodi gua wɔ nkurow akɛse mu titiriw. Enti, asɛm tiawa a ɛkanyan anigye wɔ asɛm pɔtee bi ho ye. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn atirimpɔw titiriw ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo nsa aka nsɛmma nhoma no ne nkwagye asɛm a ɛwom no wɔ wɔn afi mu. Yebetumi asan akɔ hɔ akyiri yi na yɛne ofiewura akɔbɔ nkɔmmɔ a emu dɔ, nanso ɛsɛ sɛ yɛn nsrahwɛ a edi kan no yɛ tiawa a ɛka biribi pɔtee ho asɛm. Ɛwom, sɛ obi kyerɛ anigye kɛse a, ɛsɛ sɛ yɛde adansedi a ɛfata ma na yɛyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan akɔ hɔ.

FA BOTAE AHOBOW SI W’ANIM

6 Sɛnea ɛbɛboa wo bio wɔ bere ho nhyehyɛe mu no, so wode botae ahorow asisi hɔ ama wo ho? Botae horow a ɛne sɛ wobɛma bere a wode yɛ ɔsom adwuma no akɔ anim, sɛ́ wobɛma nhoma pii anaa sɛ́ wobɛyɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn pii, bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde dwumadi ahorow bi a ɛho nhia kɛse no to nkyɛn. Nanso, nea ebefi mu aba no fata bere ne mmɔdenbɔ a ɛho hia na yɛde adu yɛn botae horow no ho no. Ɛnyɛ te nko na yɛbɛte nka sɛ yɛatumi ayɛ biribi na yɛwɔ akomatɔyam nso, na mmom nea ɛho hia titiriw no, yɛde Ahenni nneɛma bedi kan.​—Mat. 6:33.

7 Yɛn asetra sɛ nokware Kristofo no fa hokwan a yenya de ka asɛmpa no ho. Enti, da biara a eye wɔ dapɛn no mu yɛ nea wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe de ayɛ asɛnka adwuma. Pii yɛ ɔsom ho nhyehyɛe Memeneda ne Kwasida biara, na ɛno ye. Nanso, ebia afoforo rentumi nyɛ eyi. Enti, ɛdenam Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram no mu a wobeyi asi hɔ sɛ asɛnka adwuma nna atitiriw no so no, wɔn nso wobenya nhyehyɛe pa a ɛfata ma asɛnka adwuma ɔsram biara.

8 “Bere a aka no so ahuan.” (1 Kor. 7:29, NW) Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ Kristofo nnwuma yɛ yɛn asetra ma. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ bere a yɛde yɛ asɛnka adwuma no yɛ nea edi kan koraa wɔ biribiara mu na ama yɛde yɛn ho ahyɛ ɔsom adwuma no mu kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena