Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
1 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ayɛ nnwinnade atitiriw wɔ asɛmpa no ka mu. Nsɛmma nhoma yi aboa nnipa pii ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm no ho nimdeɛ a edi mũ. Wɔkyekyɛɛ nsɛmma nhoma a ne dodow boro 258,000,000 afe a etwaam no de trɛw asɛm a no mu wɔ nsase ne kasa pii mu. Yɛpɛ sɛ yɛde nnwinnade yi di dwuma kɛse wɔ asɛmpa no ka mu.
DENAM WƆN A WOMA WƆN BI DAA A WUBENYA SO
2 Wɔahyɛ yɛn nkuran wɔ nea ɛboro mfe 44 mu ni sɛ yennya wɔn a yɛma wɔn bi daa. So wowɔ bi? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ worenya ɔsom adwuma no fa yi mu mfaso ne anigye. Onua bi a efi 1955 na onyaa wɔn a ɔma wɔn bi no wɔ nnipa 50 mprempren a wogye nsɛmma nhoma daa. Ɔkwan pa a wɔfa so trɛw asɛmpa no mu bɛn ara ni! Ɔkwan bɛn so na onyaa wɔn? Ɔkyerɛ sɛ efi ɔkwan tiaa a ɔfa so no. Bere a wama obi nsɛmma nhoma nea edi kan akyi no, ɔka sɛ: “Mɛpɛ sɛ mɛsan aba bio na mede foforo a ɛbɛba no abɛkyerɛ wo.”
3 Ade titiriw biako a ɛbɛma woafi bi ase na akɔ so ne sɛ wobɛyɛ nsɛmma nhoma adwuma bere nyinaa. Ɛho hia nso sɛ wobenya afie afie kyerɛwtohɔ pa. Ma ɛnyɛ w’adwene sɛ wopɛ sɛ wufi ase nya wɔn a woma wɔn bi daa. Sɛ wode bi ma a, kanyan ofiewura anigye wɔ nea ɛbɛba akyiri yi no ho. Ɔkwan bɛn so? Ɔdawurubɔfo biako a wadi mfe ason a ɔwɔ nnipa 11 a ɔma wɔn bi daa de nsɛm a ɛwɔ asɛmti: “Nea Ɛbɛba Bio Mu Nsɛm,” ne afei “Mmofra Bisa Sɛ,” “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa” ne nsɛm afoforo a ɛba daa ase no di dwuma de kanyan nea ɛbɛba akyiri yi ho anigye. Anigye a wo ankasa wowɔ wɔ nsɛm yi ho no bɛboa wo ma woama ofiewura anya ho anigye.
4 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho bɛba wɔn a woma wɔn bi daa no mfaso ankasa no, mmu wɔn sɛ ankorankoro a woma wɔn nsɛmma nhoma daa ara kwa. Susuw sɛnea wubetumi aboa wɔn ma woakɔ so anya Onyankopɔn Asɛm no ho anigye ho. Bisa nsɛm a ne mmuae no bɛma woatwe n’adwene asi asɛm pɔtee bi so wɔ nsɛmma nhoma no mu na wonam saa yɛ so ama wanya nsɛm a ɛwom no ho anisɔ. Bere a wokɔ so kɔ ofiewura no nkyɛn na wuhu no kɛse no, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama no sɛ ɔne wo bɛkasa, na ebia eyi bɛbɔ kwan ama Bible adesua a mubefi ase. Nanso, boasetɔ ne kɔ a wobɛkɔ so ayɛ saa ho hia. Ná onua bi de nsɛmma nhoma kɔma ɔbea bi daa, wɔ mfe abien mu. N’ani gyee onua no nokwaredi wɔ ba a ɔsan ba ɔsram biara no ho na enti ɛnyɛ ɔno nko na ɔne no fii Bible adesua ase na mmom ɔne ne kunu, ne mmabea baanu ne ne nanabarima biako nso.—Gal. 6:9.
AGUADIDAN MU ADWUMA
5 Nsɛmma nhoma adwuma no fã foforo a nneɛma pa betumi afi mu aba ne aguadidan mu adwuma. Nanso, nhumu ho hia. Sɛ́ wobɛma w’asɛm no ayɛ tiaa ne tẽe ho hia. Nsɛm a ne tenten mmoro anibu 30 kosi 60 yɛ nea eye. Bere a ɛnyɛ nea wonni adagyew wɔ da no mu a wobɛpaw bɛboa ma nneɛma pa afi mu aba, bere a woreyɛ asasesin a nnwuma pii wom mu adwuma no. Ma hia a ɛho hia sɛ wusiesie wo ho yiye na ayɛ nea nidi wom no ntra w’adwene mu.
6 Onuawa bi a otumi yɛ aguadidan mu adwuma di kan ka sɛ esiane sɛ ɔntaa nto adwumayɛfo bere a ɔkɔ wɔn fie no nti, ɔrebɔ mmɔden sɛ ne nsa bɛka wɔn wɔ wɔn adwuma mu. Afei ɔdan kɔ emu asɛm a ɔreka ho asɛm no so na ɔka sɛ ogye di sɛ wɔrempɛ sɛ wɔn nko bɛte emu nsɛm no na mmom sɛ wɔbɛma wɔn abusua nso ate bi. Bio, nea ɛsɛ sɛ wokae bere a woreyɛ aguadidan mu adwuma ne sɛ wobɛma w’asɛm no ayɛ tiaa a woreka biribi pɔtee ho asɛm.
7 Wɔ wiase a enni adagyew koraa yi mu no ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ baabiara a yebehu nnipa. Aguadidan ahorow mu a yɛbɛkɔ na yɛanya wɔn a yɛbɛma wɔn bi daa yɛ ɔkwan a eye a yɛbɛfa so de asɛmpa no adu nkurɔfo nkyɛn.