“Ahenni Aba no Gu” Denam Nkurɔfo a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa So
1 Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa no mu dwom a ɛto so 133 no ti ne “Ahenni Aba no Gu.” Egyina Yesu bɛ a ɔde asuafoyɛ adwuma no toto aba a wogu ho no so. (Mat. 13:4-8, 19-23) Dwom no mu nsɛm kenkan sɛ: “Dodow a ebegu dɔte pa mu no/Begyina mo so pii ara.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn asɛnka adwuma atu mpɔn kɛse? Ɔkwan biako ne sɛ yebenya wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa, na yɛahwɛ ma akɔ so.
2 Nneɛma pa pii betumi afi nkurɔfo a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no mu aba. (1) Onigyefo nkyɛn a wokɔ no ma wutumi ne no nya abusuabɔ pa. (2) Woma onii no nya nsɛm a egye nkwa a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no daa. (3) Wonam nkɔmmɔ a wo ne onii no bɔ so betumi aboa no ma ne kɔn adɔ Kyerɛwnsɛm mu nokware a ebetumi akowie Bible adesua mu no.—1 Pet. 2:2.
3 Sɛnea Yenya Nkurɔfo a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa: Bere biara a obi bɛkyerɛ nsɛmma nhoma no ho anigye no, kyerɛkyerɛ mu sɛ nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nea ɛba biara mu, na w’ani begye ho sɛ sɛ ɛba a, wobɛbrɛ no bi ntɛm. Sɛ wufi hɔ a, kyerɛw onipa no din ne ne fie nɔma, ɛda a wokɔɔ hɔ, nsɛmma nhoma a wode maa no, nsɛm a ɛwom, ne emu nsɛm a onipa no ani gyee ho paa.
4 Wubetumi de nnipa kakraa bi ahyɛ nkurɔfo a woma wɔn nsɛmma nhoma daa ase. Afei bɔ mmɔden trɛw mu denam afoforo a woma wɔn nsɛmma nhoma a wode wɔn bɛka ho so. Sɛ nkurɔfo a woma wɔn bi daa no dɔɔso a, wubetumi ahyehyɛ no asasesin asasesin, na ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛkɔ wɔn nkyɛn. Yɛ nsɛmma nhoma ko a wode maa wɔn mu biara ne bere ko a wode maa wɔn ho kyerɛwtohɔ pa. Yɛ nkɔmmɔ ahorow a mobɔ ne sɛnea wobɛtoa so akanyan onipa no anigye wɔ nokware no ho wɔ bere a edi hɔ no ho kyerɛwtohɔ.
5 Fa Aguadifo ne Nnwumawuranom Ka Ho: Osuahu ada no adi sɛ wɔn a wɔte sotɔɔ ano ne nnwumawuranom binom ani taa gye ho sɛ wɔn nsa bɛka yɛn nsɛmma nhoma no daa. Ná kurow sohwɛfo bi mpo ka nkurɔfo a ɔpanyin bi ma wɔn nsɛmma nhoma daa ho. Ɔdawurubɔfo bi ne adwumakuw bi a wɔtɔn adansi ho nneɛma wura a wadi mfe 80 fii Bible adesua ase bere a na wama no nsɛmma nhoma atoa so mfe du!
6 Onuawa kwampaefo bi kɔɔ sotɔɔ bi mu kohyiaa awarefo bi a wɔannye no fɛw so koraa. Nanso, esiane sɛ wogyee nsɛmma nhoma nti, osii gyinae sɛ ɔde awarefo no bɛka nkurɔfo a ɔma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho. Bere bi akyi no, na onuawa no pɛ sɛ ogyae wɔn nkyɛn kɔ efisɛ na wɔnna adamfofa su adi koraa, na sɛ na onuawa no bisa wɔn adwene wɔ asɛm bi ho mpo a, na wɔnteɛ wɔn ho nyi ano. Nanso, onuawa no bɔɔ asɛm no ho mpae, na awiei koraa no, ɔmaa awarefo no Tra Ase Daa nhoma no bi. Bere a wɔkenkan wiei no, ɔyere no teɛɛm sɛ: “Afei na mahu nokware no!” Wofii Bible adesua ase, na akyiri yi awarefo no bɔɔ asu. Nokwarem no, ɔkwampaefo no boasetɔ no sow aba pa.
7 Sankɔhwɛyɛ: Sɛ wo nsa ka nsɛmma nhoma foforo a, kenkan emu asɛm biara. Hwehwɛ nsɛm a wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no mu biara ani begye ho. Afei sɛ wosan kɔ a, wubetumi aka sɛ: “Bere a mekenkan saa asɛm yi no, misusuwii sɛ w’ani begye ho.” Adawurubɔfo nyinaa, a mfe a wɔadi mfa ho, ani betumi agye sɛ wobenya nkurɔfo a wɔbɛma wɔn nsɛmma nhoma daa. Abofra kumaa mpo betumi aka sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ mahu wo bio. Wo Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo aba. Misusuw sɛ w’ani begye asɛm yi a n’asɛmti ne . . . no ho.”
8 Twe n’adwene si adaka a n’asɛmti ne “Nea Ɛbɛba no mu Nsɛm” no so fa kanyan no ma onnya nea ɛreba no mu nsɛm ho anigye. Sɛ nsɛm bi bɛba nnidiso a, ka ho asɛm kyerɛ no, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan, a ɔmma emu biara mpa ne ti so. Mma wo werɛ mmfi sɛ bere biara a wode nsɛmma nhoma bɛkɔ akɔma obi a woma no bi daa no, wubebu ho akontaa sɛ sankɔhwɛ. Hwɛ sɛ wode nkratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma no bi bɛhyɛ wo ho na sɛ hokwan no bue a, wode ama wɔakra. Na nea ɛsen ne nyinaa no, kae sɛ, yɛn botae ne sɛ yɛbɛma saa nsrahwɛ ahorow yi abɛdan ofie Bible adesua.
9 Sra Nkurɔfo a Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma No Daa: Wubetumi akɔ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa nkyɛn bere biara a ɛfata—wɔ da hunu bi anɔpa, awia, anwummere, anaa dapɛn awiei bere a woayɛ afie afie adwuma awie no. Sɛ woantumi ankɔ wɔn nkyɛn esiane yare anaa akwantu nti a, ma ɔdawurubɔfo foforo a ofi w’abusua anaa w’asafo mu mfa nsɛmma nhoma no nkɔma wɔn. Saa kwan yi so no, ɛremma sɛ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no nsa renka wɔn nsɛmma nhoma no ntɛm.
10 Ɔkwan biako a wobɛfa so agu Ahenni aba no ne sɛ wode Ɔwɛn-Aban ne Nyan! bɛkɔ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no nkyɛn. Bere a wokyerɛkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm mu nokware no, ebia wɔbɛte Ahenni asɛm no ase, na awiei koraa no, wɔne wo nyinaa asow Ahenni aba.—Mat. 13:8, 23.