Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔkyerɛwfo
1 Asafo mu ɔkyerɛwfo di dwuma titiriw hwɛ ma ‘wɔyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’ (1 Kor. 14:40) Sɛ́ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni no, ɔhwɛ asafo no nkitahodi ne kyerɛwtohɔ ahorow a ɛho hia so. Ɛwom sɛ ne dwumadi nyɛ nea obiara tumi hu te sɛ mpanyimfo a aka no de, nanso ne dwumadi yɛ nea ehia yiye na wɔkyerɛ ho anisɔ.
2 Sɛ asafo no nsa ka krataa fi Asafo ti no anaa afoforo hɔ a, ɔkyerɛwfo no kenkan, na ɔhwɛ hu sɛ wɔama ho mmuae bere a ehia no. Ɔhwɛ ma mpanyimfo no nyinaa kenkan nkrataa a wɔn nsa ka no, na ɔkora so ma wɔde di dwuma akyiri yi. Ɔhwɛ nkratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma ne nhoma no mu de mena Asafo ti no. Ɔhwɛ wɔn a wɔhwɛ sikasɛm ne nsɛmma nhoma kra so dwumadi ne ɔmantam nhyiam ho nsɛm so tẽẽ.
3 Esiane sɛ ebedu ɔsram biara da a ɛto so asia no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de ɔsram a atwam no asɛnka ho akontaabu amena Asafo ti no nti, ehia sɛ yɛn nyinaa de yɛn asɛnka ho akontaabu ma ntɛm wɔ ɔsram biara awiei. Afei ɔde asɛnka ho akontaabu no hyehyɛ Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin no so. Ɔdawurubɔfo biara betumi abisa n’ankasa kratasin de ahwɛ ne dwumadi ho kyerɛwtohɔ.
4 Sɛ ɔdawurubɔfo bi ba asafo no mu anaa ofi asafo no mu kɔ foforo mu a, ɔkyerɛwfo no kyerɛw krataa kɔma mpanyimfo a wɔwɔ asafo foforo no mu de bisa anaa ɔka onipa no ho nsɛm, na obisa onii no Asafo Dawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin, anaasɛ ɔde mena wɔn.—Yɛn Som Adwuma, nkr. 104-5.
5 Ɔkyerɛwfo no hwehwɛ akwampaefo dwumadi mu, na ɔka ɔhaw biara a ebia akwampaefo no rehyia ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no, titiriw ɔsom adwuma sohwɛfo no. Ɔka adawurubɔfo a wɔtoto asɛnka mu ho asɛm kyerɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no. Ɔkyerɛwfo no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no nyinaa bom di anim yɛ nhyehyɛe boa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no.—Yɛn Ahenni Som, December 1987, kr. 1.
6 Bere a yɛahu ɔkyerɛwfo no dwumadi yiye no, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aboa ama ne hwɛ adwuma no ayɛ mmerɛw ama no.—1 Kor. 4:2.