Wɔn a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa—Ɔkwampa a Yɛfa So Nya Bible Adesua
1. Dɛn nti na Yehowa ahyehyɛde no fi bere tenten ahyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nkurɔfo a wɔbɛma wɔn nsɛmma nhoma daa?
1 Nnipa pii mpɛ sɛ wɔne yɛn besua Bible no, nanso wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan yɛn nsɛmma nhoma. Enti, Yehowa ahyehyɛde no fi bere tenten ahyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ nkurɔfo a wɔbɛma wɔn nsɛmma nhoma daa. Mpɛn pii no, wɔn a wɔkenkan yɛn nsɛmma nhoma daa no ani tumi begye Onyankopɔn Asɛm ho. (1 Pet. 2:2) Ɛwom ara a, asɛm bi a wɔbɛkenkan bɛka wɔn koma na wɔama kwan ma yɛne wɔn asua Bible no.
2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no ma wɔanya asɛm no ho anigye?
2 Gugu Nokware Aba no So ‘Nsu’: Sɛ́ anka wode nsɛmma nhoma no bɛma ofiewura no na woadan wo ho akɔ no, bɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ na woafa no adamfo. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa ma woahu ofiewura no nsɛm tebea, nneɛma a n’ani gye ho, ne nea ogye di. Eyi bɛma woada nhumu adi bere a wo ne no rekasa no. (Mmeb. 16:23) Bere biara a wobɛkɔ ne hɔ no, di kan siesie biribi a wobɛpɛ sɛ wo ne no bɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka nsɛmma nhoma no mu asɛm bi ne kyerɛwsɛm a ɛka ho asɛm tiawa fa gugu nokware aba biara a ɛwɔ ne komam no so nsu. (1 Kor. 3:6) Kyerɛw da biara a wobɛkɔ hɔ, nhoma a wode maa no, asɛm ne kyerɛw nsɛm a mususuw ho no to hɔ.
3. Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no nkyɛn?
3 Mpɛn Ahe na Ɛsɛ sɛ Wosan Kɔ Hɔ? Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no nkyɛn pɛnkoro ɔsram biara de nea aba foforo no kɔma wɔn. Nanso, sɛ wubenya kwan na onipa no nso ani gye ho a, wubetumi akɔ hɔ mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, sɛ wode nsɛmma nhoma ma no a, dapɛn biako anaa abien akyi no, wubetumi asan akɔ hɔ na woaka sɛ, “Mebɔ faa ha sɛ mede bere tiaa bi rebɛka asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma a mede maa wo no mu akyerɛ wo.” Eyi bɛma onipa no ani agye ho sɛ ɔbɛkenkan asɛm pɔtee bi a ɛwom no. Sɛ wakenkan asɛm no dedaw a, wubetumi ama wakyerɛ n’adwene wɔ ho na wo ne no abɔ ho nkɔmmɔ tiawa. Anaasɛ, sɛ onipa no ani gye ho sɛ ɔbɛkenkan yɛn nhoma a, wubetumi akɔ hɔ na wode kratawa, nhomawa, anaa nhoma a yɛde rema wɔ saa ɔsram no mu ama no.
4. Sɛ ɛwom ara a, dɛn na yebetumi ayɛ de ahu sɛ wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no ani begye ho sɛ yɛne wɔn besua Bible?
4 Ntwɛn mma ofiewura no nka sɛ wo ne no mmesua ade. Di kan ka ho asɛm kyerɛ no. Sɛ mpo bere bi na ɔmpɛ sɛ wo ne no besua Bible a, ɛwom ara a wubetumi de “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” a ɛba Ɔwɛn-Aban mu no akyerɛ no na woahwɛ sɛ n’ani begye ho sɛ ɔne wo besua anaa. Ebia wubetumi ne no afi adesua ase wɔ ɔpon ano. Nanso, sɛ woantumi ne no amfi adesua ase mpo a, wubetumi akɔ so ama no nsɛmma nhoma de akanyan n’anigye.