Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/85 kr. 1-2
  • Dɛn Na Bible No Kyerɛ Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible No Kyerɛ Ma Wo?
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐKYERƐ MA YƐN
  • DI A YƐDE BEDI DWUMA YIYE
  • So Wukura Onyankopɔn Asɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Dɛn Na Bible Ma Yehu Fa Nea Ɔde Maa Yɛn No Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 10/85 kr. 1-2

Dɛn Na Bible No Kyerɛ Ma Wo?

1 Wɔ nhoma ɔpepem pii a wɔakyerɛw nyinaa mu no, biako yɛ soronko na ɛda nsow wɔ nea aka no ho. Ɛne Bible no. Ɛde abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a akyɛ sen biara, nea efi ase fi amansan yi mfitiase so ma. Wohu wɔ wiase afanan nyinaa na ɛwɔ kasa horow bɛboro 1,700 mu. Ɛyɛ nhoma a eye sen biara a wɔakyekyɛ kɛse, na wɔfa mu asɛm ka sen biara.

2 Wobu emu nsɛm no dɛn wɔ wiase nyinaa? Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fã kɛse no ara nnim nea ɛwom de, nanso wɔfrɛ no Onyankopɔn Asɛm. Nnipa binom kasa tia na wɔka sɛ emu nsɛm no pii yɛ anansesɛm. Afoforo kamfo sɛ ɛyɛ abakɔsɛm kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nwonwa nanso wɔpow emu afotu no sɛ ɛnyɛ nea wotumi de di dwuma wɔ nuklea bere yi mu. Wɔ nnipadɔm pii a wɔnnka sɛ wɔyɛ Kristofo no fam no, Bible no nyɛ nhoma biara sɛ nnipa a wɔwɔ adwene a ɛkorɔn no nyansasɛm a wɔaka. Emu biara mu no, nkurɔfo su wɔ Bible no ho ama wɔahu sɛnea wobu no.

NEA ƐKYERƐ MA YƐN

3 Yebu Bible no dɛn? ‘Yɛagye, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa.’ (1 Tes. 2:13) Yenim sɛ emu nsɛm no yɛ ɔsoro nyansa a “ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Heb. 4:12) Emu afotu a yɛde bedi dwuma no ‘besiesie yɛn ama nnwuma pa nyinaa.’ (2 Tim. 3:16, 17) Yɛrentumi mfa honam fam ahonyade ntoto bo a ɛsom no ho. (Mmeb. 3:13-15) Yɛn fam de, ɛno na ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ asetra mu nsɛm nyinaa mu. Ampa, ‘yɛdɔ.’​—Dw. 119:97, 105.

DI A YƐDE BEDI DWUMA YIYE

4 Gye a yegye tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ma ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛde bedi dwuma yiye. (2 Tim. 2:15) Eyi kyerɛ sɛ bere a yefi koma nyinaa mu bɔ mmɔden sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne emu afotu no ahyia no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔanya anisɔ ama Onyankopɔn Asɛm no na wɔama akyerɛ wɔn kwan. Yɛte nka sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛfa ɔkwan biara a yɛwɔ so ama nkurɔfo nsa aka Bible no na wɔate ase yiye.

5 Hwɛ aseda ara a yɛde ma wɔ New World Translation foforo a ɛyɛ 1984 de no ho. Ɛwɔ kyerɛw nsɛm mpempem pii wɔ ne nkratafa no mfinimfini a esi hyia a Bible mu nhoma 66 no ne ne ho hyia no so dua. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa osuani ne ɔkyerɛkyerɛfo nyinaa kɛse. Bere a yɛadi kan de 1981 Bible a yɛwɔ no nyinaa ama akyi no, yebefi ase de 1984 de nketewa no ama wɔ asɛnka mu wɔ October mu. Yɛde Bible foforo yi ne nhoma nketewa a wɔatew ne bo so no abien bɛma de agye ntoboa ¢180. Kae, sɛ 1981 New World Translation no na wode rema a, ɛnde ɛne nhoma nketewa abien no yɛ ntoboa ¢160.

6 Sɛ́ ankorankoro no, so yɛte nka sɛ yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛde Bible no bedi dwuma yiye? Sɛ saa a, ɛnde yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yebenya ne kyekyɛ a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ October mu no mu kyɛfa kɛse. Ɛwom sɛ Bible yɛ nhoma a wɔakyekyɛ pii de, nanso ɛda so ara yɛ nhoma ahorow a wɔnte ase no mu biako. Wɔakyerɛw no wɔ ɔkwan bi so a wɔrentumi nte ase ankasa gye sɛ wonya mmoa ne ɔsoro akwankyerɛ (Aso. 8:30, 31, 35) Bere a woada Bible bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a wɔaka ho asɛm wɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu adi akyi no, wubetumi akyerɛ ofiewura no nea enti a woabenya obu ama Bible no na abɛyɛ nea ɛsom bo ma wo no. Ma onhu sɛnea ne nkyerɛkyerɛ no ama woanya daakye ho anidaso a ɛyɛ den ne atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu. Nkɔmmɔbɔ ahorow yi betumi abue hokwan ma wɔakyerɛ n’afotu a nyansa wom a ɛde ma wɔ da biara da ɔhaw ahorow ho no bi na ebetumi akowie Bible adesua mu.

7 Ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase da biara sɛ ɔde Bible no ama yɛn. Yɛda akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nso ase sɛ wasan atintim ahorow pii, a mmoa ahorow a ɛma wɔte ase yiye ka ho, ne wɔ kasa a asete nyɛ den mu. Odwontofo no ada anisɔ a yɛwɔ no adi yiye sɛ: “W’adansesɛm yɛ nwonwa, enti na me kra di so.”​—Dw. 119:129.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena