Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Mmɔdenbɔ Wɔ Ɔkyerɛkyerɛ Mu So
1 Ná wonim Yesu sɛ obi a ɔka asɛmpa. (Luka 8:1) Nanso na wɔtaa ka ne ho asɛm mpɛn pii sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. (Mat. 8:19; 9:11) Asɛm a efi honhom mu no ka sɛ “ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwirii wɔn,” “okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.”—Mat. 7:28; Marko 6:6.
2 Ná asomafo no nso yɛ akyerɛkyerɛfo. Sɛnea na Paulo taa yɛ no, ‘ɔne wɔn susuw kyerɛw nsɛm no ho; ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse’ wɔ nea ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ho. (Aso. 17:2, 3) Odii Onyankopɔn Ahenni no ho adanse pefee, na ɔkaa Yesu ho asɛm. (Aso. 28:23) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ wɔ afie afie adwuma mu no anya nkɔso?
DANNAN WO NSƐM MU
3 Bere a yɛkɔ afie afie no, yehyia nnipa ahorow ahorow a ɛsono sɛnea wɔte ne nea wɔn ani gye ho. Ebinom ka sɛ wogye Bible no di, afoforo nso nnye nni. Ɛsɛ sɛ yɛdannan yɛn nsɛm mu na ɛfata ofiewura biara. Dɛn na Yesu yɛe bere a ɔne ɔbarima a ɔyɛ “mmarakyerɛfo” kasae no? Ɔbarima no bisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?” (Luka 10:25-28) Ohui sɛ ɔbarima no yɛ “mmarakyerɛfo” na ne mmuae no kyerɛɛ saa.
4 Bere a Paulo kyerɛkyerɛe wɔ Areopago no, ohui sɛ ɔrekasa akyerɛ Amanaman Mufo a wonni Hebri Kyerɛwnsɛm no anaa Yesu Kristo ho nimdeɛ pii. Enti ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu sɛnea ɛsɛ. (Aso. 17:22-34) Saa ara na ɛsɛ sɛ yesusuw onipa a yɛrekasa akyerɛ no no ho. Sɛ yɛne abofra na ɛrekasa a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu wɔ ɔkwan a ɔbɛte ase so. Sɛ yɛrekasa akyerɛ obi a ɔkenkan Bible no a, ɛho behia sɛ yɛdan yɛn asɛm no mu ma ɛne tebea no hyia te sɛ nea Yesu yɛe wɔ ɔbarima a na ɔyɛ “mmarakyerɛfo” no ho no. Esiane sɛ ɛsono onipa biara a yɛne no kasa nti, ɛyɛ nea ebia yɛn asɛm a yɛka biara bɛyɛ nea nsonsonoe kakra wom. Dɛn bio na yebetumi ayɛ na ama yɛayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw wɔ afie afie adwuma no mu?
WO NE NNIPA NO NSUSUW NSƐM HO
5 Sɛ́ mubesusuw nsɛm ho no kyerɛ sɛ wobɛda asɛm no adi wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛboa ofiewura no ma wate ase na wanya ho adwene koro no ara a yɛwɔ no bi. Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ tie nko na ofiewura no betie na mmom obehu ntease a ɛwɔ yɛn asɛm no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ nsɛm mu ma atu mpɔn?
6 Asemmisa a ɛfa dɛn ntia ho no hia mmuae a ɛfa nea enti ho. Ɛyɛ nea ntease wom sɛ ofiewura biara bebisa nea enti a yɛba ne nkyɛn, nea enti a yɛn nsɛm no gye ntɛmpɛ, ne nea enti a ɛsɛ sɛ ogye di. Enti, bisa wo ho nsɛm a ɛte saa ara bere a woresiesie wo ho ama afie afie adwuma no. Bere a yɛanya nsemmisa yi ho mmuae no, yɛbɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu wɔ ɔkwan a ofiewura no bɛte ase so. Kae, Paulo de “adanse” mae de kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu.—Aso. 17:3.
7 Mfatoho ne nsemmisa ahorow a ɛfata boa kɛse. Ɛma nkurɔfo susuw nokware no ho na ɛboa ma wonya komam anisɔ. Bere a wokenkan Kyerɛwnsɛm no, si nsɛntitiriw so dua yiye. Eyi boa nnipa no ma wosusuw nea woakenkan no ho. School Guidebook nhoma no de nyansahyɛ pɔtee ahorow pii ma wɔ adesua 10, 15, 25, 31, ne 34. Gye bere susuw nyansahyɛ ahorow no ho, na fa di dwuma bere a wunya afie afie adwuma no mu kyɛfa no.
8 Ɛsɛ sɛ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nneɛma a Yesu hyɛɛ yɛn no nyinaa no kanyan yɛn ma yesusuw hia a ɛho hia sɛ ‘yɛma yɛn ani ba yɛn kyerɛ no so’ no ho anibere so. (1 Tim. 4:16) Ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a yebesua no gye bere ne mmɔdenbɔ wɔ yɛn fam. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ wɔn a “wɔyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ ho adwuma” no, “wɔmfa nidi mmɔho nni wɔn.” (1 Tim. 5:17) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi mpanyimfo ne adawurubɔfo afoforo a wɔn ho akokwaw nkyɛn. Bɔ mpae bere nyinaa sɛ Yehowa behyira yɛn bere a yɛkɔ so bata ɔkyerɛkyerɛ ho’ no.—1 Tim. 4:13.