Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/11 kr. 1
  • Boa Ofiewura no Ma Onsusuw Nsɛm Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Ofiewura no Ma Onsusuw Nsɛm Ho
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 10/11 kr. 1

Boa Ofiewura no Ma Onsusuw Nsɛm Ho

1. Akwan a yɛfa so ka asɛm no mu nea ɛwɔ he na eye paa?

1 Akwan a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma yi mu nea ɛwɔ he na etu mpɔn? Biako ne sɛ yɛbɛyɛ katee, ɛnna foforo ne sɛ yɛbɛboa ofiewura no ma wasusuw nsɛm ho na ɔno ara ahu nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Bere a ɔsomafo Paulo ne Yudafo a wɔwɔ Tesalonika rekasa no, ɔne wɔn susuw nsɛm ho, na “ɛno maa wɔn mu binom bɛyɛɛ gyidifo.” (Aso. 17:2-4) Dɛn na ehia na ama yɛatumi ne afoforo asusuw nsɛm ho?

2. Sɛ yɛreka asɛmpa no a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo nhwɛso no?

2 Susuw Wɔn Nkate ne Nea Wogye Di Ho: Sɛ yebetumi aboa afoforo a wɔwɔ yɛn asasesin mu ma wɔasusuw nsɛm ho a, gye sɛ yedwen wɔn nkate ho. Bere a Paulo fii ase ne Helafo a wɔnyɛ gyidifo bɔɔ nkɔmmɔ wɔ Areopago no, ɔkaa nneɛma a ɛbɛyɛ sɛ na wonim na wogye tom ho asɛm. (Aso. 17:22-31) Enti sɛ woresiesie asɛm a wobɛka a, dwene nsɛm a asasesin no mufo dodow no ara gye di ne nsusuwii a wokura ho. (1 Kor. 9:19-22) Sɛ ofiewura no nnye biribi ntom a, hwɛ sɛ wobɛka asɛm a mo nyinaa adwene hyia wɔ ho, na gyina ɛno so toa nkɔmmɔbɔ no so.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa adi dwuma de aboa afoforo ma wɔasusuw nsɛm ho yiye?

3 Fa Nsɛmmisa Di Dwuma Yiye: Sɛ yebetumi akyerɛ ɔkwantufo bi kwan ma wakodu baabi a ɔrekɔ a, gye sɛ yehu baabi a wadu saa bere no. Saa ara na sɛ yebetumi aboa ofiewura bi ma wahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ a, gye sɛ yehu adwene a saa bere no okura. Sɛ na Yesu ne otiefo bi rebesusuw asɛm ho a, na ɔtaa bisa no nsɛm de hu n’adwene. Sɛ nhwɛso no, bere a obi bisaa no sɛ, “Dɛn na sɛ meyɛ a menya daa nkwa?” no, Yesu bisaa no nsɛm de huu n’adwene ansa na ɔrebua no. (Luka 10:25-28) Bere foforo nso, Petro ammua asɛm bi yiye, enti Yesu de nsɛmmisa dii dwuma wɔ ɔkwampa so de teɛɛ ne nsusuwii. (Mat. 17:24-26) Enti sɛ ofiewura no bisa asɛm bi anaa ɔka biribi a ɛnteɛ a, yebetumi abisa no nsɛm de aboa no ma wasusuw nneɛma ho.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa ofiewura no ma osusuw nsɛm ho?

4 Sɛ yɛboa ofiewura no ma osusuw nsɛm ho a, na yɛresuasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu, ne asɛmpakafo afoforo a wɔn ho akokwaw a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Yɛnam so di ofiewura no ni, na yɛkyerɛ sɛ yebu no. (1 Pet. 3:15) Ɛno nti, ebia n’ani begye ho paa sɛ yɛbɛsan abɛsra no bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena