Honhom Mu Onyin Adi a Wobɛda Denam Nhyiam Mu Kyɛfa a Wubenya So
1 Honhom mu onyin yɛ botae a Yehowa asomfo nyinaa ani gye ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yenni nokware mfa ɔdɔ mu nyin nneɛma nyinaa mu Kristo a ɔne eti no ho.” (Efe. 4:15) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wodu honhom mu onyin ho? Paulo bɔ nneɛma abien din a ɛne ‘nokware a yebedi’ ne ‘denam ɔdɔ so.’ Dɛn bio na ɛho hia?
2 Ɛda adi sɛ nea ɛsen gyidi a efi komam ho hia, efisɛ Paulo kyerɛwee nso sɛ “ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Rom. 10:10) So woreda honhom mu onyin adi denam w’ano a wopae mu de ma mmuae wɔ nhyiam ase no so? So wubetumi ama emu kyɛfa a wunya no anya nkɔso? So ɛnyɛ nea woahu sɛ wunya mfaso kɛse wɔ adesua no mu bere a wunya mu kyɛfa no?
WO HO A WUBEDI KAN ASIESIE
3 Kokoam adesua ne wo ho a wubedi kan asiesie bɛboa wo ma woanya akokoduru de akasa. Siesie mmuae ahorow a ɛfa nkyekyem ahorow no ho. Sɛ ɛho hia a, hyɛ nsɛntitiriw agyirae, na kyerɛw nsɛm kakraa bi wɔ nkyekyem no ho.
4 Bere a woresua na wususuw ho no, hyɛ kyerɛwsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu a ebia wobɛkenkan anaasɛ wobɛka mu nsɛm na woama afa adesua no ho no nsow. Susuw sɛnea nsɛm no bi fa yɛn ankasa asetra anaasɛ yɛn som adwuma no ho.
BERE A ADESUA NO REKƆ SO
5 Esiane sɛ woadi kan asiesie wo ho nti, wubetumi de mmuae a ntease wom ama. Kae, “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Aso. 20:35) Hu sɛ afoforo ani gye wo mmuae no ho na wonya mu mfaso. Wɔatumi aboa ebinom ma wɔafi ase ama mmuae denam adesua sohwɛfo no a wɔma odi kan hu nsemmisa ahorow a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma ho mmuae no so.
6 Ɛsɛ sɛ asemmisa bi ho mmuae a wɔma a ɛyɛ nea edi kan no yɛ tiawa ne tẽẽ. Mmuae a ɛte saa no ma nnyɛ den na ɛyɛ mmerɛw ma afoforo sɛ wɔbɛte ase. Bɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma mmuae sen sɛ wobɛkenkan afi nhoma no mu ara kwa. Eyi bɛma Onyankopɔn Asɛm no mu ntease a wowɔ anya nkɔso na ɛbɛboa ma woanyin wɔ honhom mu.
ADESUA SO AHWƐFO BETUMI ABOA
7 Adesua so ahwɛfo betumi ayɛ pii de ahyɛ anuanom nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ adesua no mu kɛse. Wɔn a wɔntaa mma mmuae no a wɔbɛhyɛ wɔn nsow na wɔde nkuranhyɛ ama wɔn no betumi aboa wɔn kɛse. Adesua so ahwɛfo bɛpɛ sɛ wɔma wɔn kasa yɛ tiaa na wobisa nsɛm a wɔde hwehwɛ mmuae a eteɛ bere a ɛho hia, na ama nsɛntitiriw afoforo ada adi.
8 Momma ɛnyɛ yɛn nyinaa pɛ sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ denam kyɛfa a yebenya wom daa no so, na yɛnam saa yɛ so ada yɛn honhom mu onyin adi na yɛatwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.—Dw. 35:18; Heb. 10:24, 25.