Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/86 kr. 3
  • Yɛn Nhyiam Horow No a Yɛbɛma Anya Nkɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nhyiam Horow No a Yɛbɛma Anya Nkɔso
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yenya Anigye Pii Wɔ Nhyiam Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • So Woboa Ma Kristofo Nhyiam Hyɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Honhom Mu Onyin Adi a Wobɛda Denam Nhyiam Mu Kyɛfa a Wubenya So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 8/86 kr. 3

Yɛn Nhyiam Horow No a Yɛbɛma Anya Nkɔso

1 Wotintim asɛm a ɛne “Honhom Mu Onyin Adi a Wobɛda Denam Nhyiam Mu Kyɛfa a Wubenya So” no wɔ June 1986 Yɛn Ahenni Som no mu. So woadi nyansahyɛ a wɔde mae no akyi? Sɛ saa a, ɛnde mmuae a woma wɔ nhyiam ase no ayɛ nea ɛfa asɛm no ho tẽẽ ne nea mfaso kɛse wɔ so ma wo ne afoforo. Saa bere yi de yɛpɛ sɛ yɛka yɛn nhyiam ahorow nɔ a yɛbɛma anya nkɔso ho asɛm na yɛtwe adwene si mfaso ahorow a yebetumi anya afi yɛn ho a yebesiesie no mu so.

2 Ma yɛnyɛ ho nhwɛso wɔ ɔkwan yi so. Sɛ anka woreyɛ nhyehyɛe akɔ Bible nsase so na wudi kan sua nsase yi ne wɔn abakɔsɛm ho asɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible no ne nhoma ahorow te sɛ Aid nhoma no mu a, w’akwanhwɛ no mu bɛyɛ den kɛse. Sɛ woanni kan ansiesie wo ho a, wɔrennya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛkɔ akɔhwɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anigye no. Ɛte saa nso wɔ asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ no ho. Ɛdenam bere a yegye de san tĩ nea yebesua wɔ nhyiam ase mu no so no, yetumi kanyan yɛn akɔnnɔ ma honhom fam nneɛma na yenya ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛma mmuae.

3 Nneɛma a egye yɛn bere kɔ so dɔɔso afe biara. Yɛyɛ dɛn nya bere a yehia a yɛde besua ade no? Ɛsɛ sɛ yɛtɔ bere fi dwumadi ahorow a ɛho nhia no mu. (Efe. 5:16) Yehowa Adansefo mu fã kɛse no ara kɔ dapɛn dapɛn nhyiam ahorow anum no nyinaa na wɔn mu pii nam mmɔdenbɔ kɛse so na ɛyɛ saa. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere ne mmɔden a yɛbɔ a ɛma yetumi kɔ nhyiam ahorow no mu mfaso kae a ɛsen biara no, ɛho hia sɛ yenya bere kakra de di kan siesie yɛn ho.

4 Sɛ worema mmuae a, susuw nneɛma a ɛho hia te sɛ nokware a asɛm no yɛ, twa a wubetwa asɛm no tiaa ne emu a wobɛma ada hɔ no ho. Wo ho a wubedi kan asiesie no bɛboa. Sɛ wo nsa ka Ɔwɛn-Aban no a, kenkan mu. Akyiri yi, bere a woresiesie wo ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua no, twitwa emu nsɛntitiriw no nkutoo ase. (Yɛsrɛ wo. hwɛ Theocratic Ministry School Guidebook, kratafa 36.) Eyi bɛma yɛama mmuae tiaa a ɛfa asɛm no hɔ tẽẽ.

6 Sɛ nnipa pii fi wɔn pɛ mu ma mmuae a, ɛbɛma yɛanya anigye. Ɛsɛ sɛ eyi kanyan wɔn a wɔfɛre ade no ma wonya mu kyɛfa na wɔma mmuae ahorow a ɛhyɛ nkuran. Sɛ yɛde nyansahyɛ yi di dwuma a, yɛn anigye bɛyɛ kɛse na yɛn nhyiam ahorow no benya nkɔso bere a yɛyɛ yɛn gyidi ho “baguam mpaemuka” no.​—Heb. 10:23. Rbi8 asehɔ asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena