Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/86 kr. 3
  • Mmofra, Monkɔ Mo Anim Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra, Monkɔ Mo Anim Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NNEƐMA A MMOFRA BETUMI AYƐ
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Mmofra​—Momma Ɔpɛ A Mowɔ Sɛ Mobɛsom Yehowa No Mu Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 12/86 kr. 3

Mmofra, Monkɔ Mo Anim Wɔ Ɔsom Adwuma No Mu

1 “Munyi [Yehowa] ayɛ . . . , mmerante ne mmabaa nso, mpanyin ne mmofra.” (Dw. 148:7, 12) Mmofra betumi ama woayi Yehowa ayɛ denam nokware no a wɔde bɛyɛ wɔn ankasa de no so. Eyi kyerɛ Kristofo nnyinasosm ahorow a wɔde badi dwuma wɔ wɔn asetra mu, anya asafo nhyiam ahorow mu kyɛfa na wɔanya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma ahorow yi esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ nti, a ɛnyɛ sɛ wɔn awofo anaasɛ wɔn nnamfo hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nti.

2 Onyankopɔn ho nimdeɛ a obi benya no na ɔde fi Kristofo asetra Kwan a ɔbɛpaw no ase. Eyi betumi ama ɔne Yehowa anya abusuabɔ (Dw. 71:5) Sɛ obi hyira ne ho so na Onyankopɔn sɛ ɔbɛsom no wɔ ne nkwa nna a aka nyinaa mu na wɔbɔ no asu a, ɔne Onyankopɔn nya adamfofa. Wɔ mmofra fam no, adamfofa a ɛte saa a wɔne Onyankopɔn wɔ no ma wotumi guan mmerante bere mu akɔnnɔ” na wɔkwati wiase no mu fekubɔ ne su ahorow a ɛho nhia. (2 Tim. 2:22) Teokrase botae ahorow te sɛ akwampae, Betel, anaasɛ asɛmpatrɛw adwuma a mmofra ne mpanyin de besisi hɔ ama wɔn ho no bɛhyɛ wɔn den na atwe wɔn abɛn Yehowa kɛse.​—Mmeb. 16:3.

NNEƐMA A MMOFRA BETUMI AYƐ

3 Yɛn ani gye sɛ yehu mmofra a wɔn ani kũ wɔn honhom fam ahiade ho na wɔn ani gye asafo nhyiam ahorow ase a wɔba na woanya mu kyɛfa no ho no. (Mat. 5:3, 6) Krisfofo mmofra, mubetumi ahyɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu nkuran denam mmuae ahorow a ɛhyɛ nkuran a mobɛma wɔ nhyiam ahorow ase daa no so. Ɛdenam abusuabɔ a emu yɛ hyew a mo ne mpanyinfo ne mmofra nyinaa benya wɔ asafo no mu so no, mubetumi ne obiara anya fekubɔ a ɛnyɛ nkuran mu kyɛfa bere a wonnya mfii nhyiam ase ne bere a wɔapɔn.​—1 Tim. 4:12; fa toto Mmebusɛm 18:1 ho.

4 Yehowa de mmofra nso di dwuma de ka asɛmpa no. (Mat. 21:16) Wɔn mu pii abehu sɛ ɛdenam asɛnka adwuma mu kyɛfa a wonya dapɛn biara so no, wɔn ani gye ho kɛse. Ebinom de hokwan ahorow a wɔwɔ wɔ sukuu no di dwuma de ka Yehowa atirimpɔw ho asɛm kyerɛ. (Dw. 71:17; 145:21) Nokwarem no, dwumadi a ɛte sɛɛ ma Yehowa koma ani gye.

5 Mo mmofra, monkɔ so nyin wɔ honhom mu te sɛ afoforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no. Bere a moyere mo ho bere nyinaa sɛ mobɛma mo teokrase dwumadi anya nkɔso no, moma nokware no yɛ mo de ankasa. Ɛdenam saa yɛ so no, mubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mo.​—Fil. 3:16; 2 Tim. 2:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena