Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/87 kr. 7-8
  • Akwampaefo Aboafo Adwuma—Ɔpon A Ɛde Kɔ Dwumadi Kɛse Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwampaefo Aboafo Adwuma—Ɔpon A Ɛde Kɔ Dwumadi Kɛse Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WO SOM A WOBƐKƆ SO ATRƐW MU
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Biribi A Wogyina So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 11/87 kr. 7-8

Akwampaefo Aboafo Adwuma​—Ɔpon A Ɛde Kɔ Dwumadi Kɛse Mu

1 Yehowa nkurɔfo de ahopere hwɛ daakye bi a Onyankopɔn Ahenni na ebedi yɛn so a yɛade yɛn ho afi saa nneɛma nhyehyɛe yi mu ɔhaw nyinaa ho kwan. Anigye ankasa bɛn na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ yɛbɛsɔre anɔpa biara na yɛasusuw hokwan a yɛwɔ sɛ yɛde yɛn bere, tumi ne ahoɔden nyinaa bedi dwuma wɔ Yehowa som mu tẽẽ, yɛbɛdan asase no ma ayɛ paradise, yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔasɔre no Yehowa akwan, anaasɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ teokrase dwumadi afoforo a ɛsom bo mu no ho!

2 Mprempren mpo, Yehowa nkurɔfo a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa renya anigye a ɛwɔ Yehowa a wɔsom no bere nyinaa mu no dedaw. Wɔ nnansa yi mfe no mu no, pii ahu sɛ wɔn nsɛm tebea horow ma wotumi yɛ akwampae adwuma. Eyinom anya adwene sɛ wɔ saa kwan yi so no, wotumi de wɔn ho hyɛ Yehowa som mu kɛse. Wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ama na wɔrehwehwɛ sɛ wobenya Ahenni som no mu kyɛfa kɛse wɔ saa anoboaboa bere yi mu.​—Dw. 110:3.

WO SOM A WOBƐKƆ SO ATRƐW MU

3 Wɔ dwumadi kɛse a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya mu kyɛfa no ho akwanhwɛ mu no, pii de nnyinaso ahorow a ɛboa wɔn ma wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ Ahenni som no mu dennen no redi dwuma wɔ nyansam. Nnyinaso a ɛte saa no mu biako ne akwampaefo aboafo adwuma no. Pii a wɔde wɔn ho ahyɛ saa dwumadi yi mu no anya nhyira pii na wɔahu sɛ “[Yehowa] ye.” (Dw. 34:8) Aka wɔn ma wɔde akwampaefo aboafo akwammisa krataa a ɛto so abien aba na wɔakyerɛ wɔ so sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ so som sɛ akwampaefo aboafo de akosi bere bi. Osuahu a pii anya wɔ dwumadi yi mu no aboa ma wɔasiesie wɔn ho ama daa akwampae adwuma. Wɔahu sɛ saa nsakrae no yɛ mmerɛw. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ December, January ne February mu na woakɔ so de dwumadi a ɛte saa no ayɛ nea wubegyina so de afi daa akwampae adwuma ase wɔ March mu?​—Fa toto Malaki 3:10 ho.

4 Sukuu akwamma ma mmofra a wɔabɔ asu nya hokwan fɛfɛ a wɔde bɛtrɛw wɔn som mu. Dwumadi bɛn na mo mmofra mubetumi de mo ho ahyem wɔ sukuu akwamma a ɛreba no mu a ɛho wɔ mfaso kɛse sen ɔsram biako anaa abien a mo de bɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma? Osuahu a nhyira wom bɛn na eyi betumi ayɛ sɛɛ yi! Anigye pii wom sɛ wobehu sɛ woka nokware ahorow a ɛsom bo a woasua no ho asɛm kyerɛ afoforo. Wubetumi ama afoforo a wɔte sɛ nguan no nso anya daakye ho anidaso pa a wowɔ no bi. Wo nhwɛso no bɛhyɛ wo nnamfo a wɔyɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu a wɔmmɔɔ wɔn asu no nkuran, na ebia ɛbɛka wɔn mu binom ma ‘wɔde wɔn nnwuma ahyɛ Yehowa nsa’ na ama wɔn nhyehyɛe ma daakye “atim.”​—Mmeb. 16:3.

5 Wɔto nsa frɛ mmofra a wonya mmɔɔ wɔn asu no sɛ wonsusuw sɛnea wobetumi atrɛw wɔn Kristofo dwumadi mu no ho. Bere a ebia wɔtaa ne wɔn awofo na ɛyɛ adwuma no, ɛtɔ bere bi a wobetumi ne mmofra a wɔbɔ mmɔden na wotumi di asɛyɛde ho dwuma anaa mpanyimfo nso ayɛ adwuma. Susuw anigye ne nkuranhyɛ a mo nyinaa mubenya bere a mmofra ne mpanyin ne wɔn ho wɔn ho bom yɛ ɔsom adwuma no ho.​—Rom. 1:12; Yes. 40:30, 31.

6 Yehowa nhyira ma yenya yɛn ho honhom mu na ɛka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som adwuma no mu. Ɛmmra sɛ mmɔden a yɛn mu biara bɔ sɛnea yɛn ahoɔden ne nsɛm tebea ma kwan no bɛsɔ Yehowa ani bere a yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛsom no daa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena