Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Japan nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara a ɛyɛ 124,809 wɔ February mu. Wɔyɛɛ adwuma dennen ne wɔde nhoma 101,200 momae ɔsram no mu. Wonyaa Bible adesua dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 167,629, ɛyɛ nkɔanim bɛboro 2,000 wɔ ɔsram biako mu.
◆ Korea bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 50,164 ho amanneɛ wɔ February mu, ɛyɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 9%. Wɔn ani gyei sɛ wonyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara a ɛyɛ 14,308.
◆ Martinique nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 2,433 February mu a ɛyɛ nkɔanim 10%.