Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnamyɛ So, Nanso Wɔ Anifere Mu
1 Bere a wɔhyɛɛ Petro ne Yohane sɛ wonnyae asɛnka no, wobuae sɛ: “Na yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Aso. 4:20) Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi de nnamyɛ a ɛte saa kasae no? “Wɔkoto srɛe” na “honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.” (Aso. 4:31, NW) Ɛda adi sɛ sɛ yedi wɔn nhwɛso no akyi a yebetumi anya nnamyɛ de aka asɛm no.
2 Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi de nnamyɛ akasa na yɛayɛ anifere bere koro no ara mu? Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ anifere ase sɛ ‘nea woyɛ anaa woka ho ahwɛyiye kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wubekwati fom a wobɛfom obi.’ Nea yɛn nyinaa adwene hyia wɔ ho a yɛde besi hɔ no bɛboa ma yɛayɛ anifere. Sua a yebesua sɛnea yɛne nkurɔfo besusuw nsɛm ho no bɛboa yɛn ma yɛayɛ anifere. Adwinnade a eye kyɛn so bɛn na yebetumi de adi dwuma ma aboa yɛn ma yɛayɛ nnam ne anifere nyinaa sen Reasoning From the Scriptures nhoma no.
KARI A YƐBƐKARI PƐ
3 Kari a yɛbɛkari pɛ wɔ nnamyɛ ne anifere mu ho hia na ama yɛawie asɛnka adwuma no nkonimdi mu. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akasa akyerɛ wɔn a wobisa sɛ ‘So ɛnyɛ nokware sɛ papa bi wɔ ɔsom nyinaa mu no? Mmuae a ɛyɛ tee nanso anifere wom wɔ Reasoning nhoma no kratafa 323. Afei nso, sɛ obi bisa nea enti a yɛkɔ wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo na wɔwɔ wɔn ankasa gyidi no nkyɛn ntoatoaso no ho asɛm a, yebetumi ama mmuae nnamyɛ mu nanso wɔ anifere kwan so sɛnea wɔada no adi wɔ Reasoning nhoma no kratafa 206 no. Ebinom bisa nea enti a Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ nneɛma mu mmoa mma mpɔtam hɔ nyɛ beae pa a ɛsɛ sɛ wɔtra no. Wɔde nsɛntitiriw pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛde nnamyɛ akasa nanso wɔ anifere mu ama wɔ nkratafa 207 ne 208.
NHWƐSO AHOROW
4 Petro kae sɛ ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho daa sɛ yɛbɛkyerɛ obiara a obisa yɛn anidaso a ɛwɔ yɛn mu no ase. Afei ɔde kaa ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ‘odwo ne osuro mu.’ (1 Pet. 3:15) Yiw, Petro huu hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ nnam nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere nso no. Wɔbɔ adawurubɔfo a wodi saa kwan yi akyi no nkonimdi ho amanneɛ wɔ Asafo ti no nhoma ahorow mu.—w86 4/1 nkr. 6-7; w86 8/1 nkr 21, 24; yb87 nkr. 53-4.
5 Yehowa so a yɛde yɛn ho bɛto wɔ mpaebɔ mu, sɛnea nhwɛso ahorow pii si so dua no, bɛboa yɛn ma yɛanya honhom kronkron no mmoa, na ahyɛ yɛn den ma yɛde nnamyɛ ne anifere akasa.—Aso. 5:29.