Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/92 kr. 8
  • Nnianim Nsɛm A Ɛbɛma Afiewuranom Atie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim Nsɛm A Ɛbɛma Afiewuranom Atie
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wɔde Nnianim Asɛm A Ɛfata Di Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwinnwen Nea Wubedi Kan Aka Ho
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bɛma wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 2/92 kr. 8

Nnianim Nsɛm A Ɛbɛma Afiewuranom Atie

1 Dɛn ne asɛm a woka kyerɛ wɔ afie afie no fã titiriw a ɛsen biara? Yɛn mu pii begye atom sɛ ɛyɛ nnianim asɛm no. Sɛ woantumi ankanyan ofiewura no anigye wɔ anibu 30 a edi kan anaa nea ɛte saa no mu a, ebia ɔbɛma moagyae nkɔmmɔbɔ no.

2 Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho na woasiesie nnianim asɛm a etu mpɔn? Hwehwɛ nnipa a ɛda adi sɛ wubehyia wɔn no amanne ne wɔn ahiade ahorow mu. Sɛ wukyia wie a, so wɔn amanne ne sɛ wobɛyɛ biribi foforo aka ho, anaasɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobɛka asɛm a wukura no ntɛm ara? So awarefo nkumaa pii wɔ mo hɔnom? Nneɛma bɛn na ɛhaw wɔn? So mo mpɔtam hɔfo dwen ɔhaw ahorow a adesamma nyinaa hyia no ho?

Wubetumi ama wɔatie denam nsɛm te sɛ eyi a wobɛka no ho:

◼ “Mema mo akye. Me din de ​—Sɛ mekenkan nnipa a wodi kɔm na wokunkum wɔn wɔ ɔko mu ho asɛm a, ɛhaw me. So ɛhaw mo nso?” Nsemmisa afoforo a ebetumi aboa ma woafi nkɔmmɔbɔ ase ne: “Dɛn ne wiase ɔhaw ahorow no ano aduru?” “So mususuw sɛ obi betumi ayi ɔhaw ahorow a ɛrekɔ so nnɛ no afi asase so?” “Sɛ sodifo bi wɔ nea wɔka ho asɛm wɔ Yesaia 9:6, 7 yi nso ɛ? [Kenkan kyerɛwsɛm no na ka ho asɛm]

3 Nsasesin bi mu no, ebia nkurɔfo dwen wɔn fie ne wɔn abusua ho kɛse sen wiase mu nsɛm te sɛ wiase asomdwoe.

Wubetumi akanyan wɔn anigye denam eyi a wubebisa no so:

◼ Asetra bɛn na wuhu sɛ w’ankasa ne w’abusua benya wɔ mfe du mu? Nea Bible ka wɔ daakye ho no hyɛ nkuran yiye efisɛ ɛka sodifo bi a ɔde gyinapɛn a ɛyɛ pɛ bedi tumi ho asɛm. Hyɛ nea Yesaia 9:6, 7 ka fa ne ho no nsow.”

4 So wote baabi a da biara wɔka nsɛmmɔnedi ne ahobammɔ ho asɛm? Sɛ wode nnianim asɛm a edi kan wɔ “Crime/Safety” ase wɔ Reasoning nhoma no kratafa 10 no di dwuma a, ebia ebinom betie.

Wubetumi aka sɛ:

◼ “Mikyia wo. Yɛne nkurɔfo bɔ ahobammɔ a obi ankasa benya ho nkɔmmɔ. Nsɛmmɔnedi pii atwa yɛn ho ahyia, na ɛka yɛn asetra.” Afei asemmisa te sɛ “Dɛn ne ano aduru?‘ anaa “Wususuw sɛ obi betumi ayi ɔhaw ahorow yi afi asase no so?” anaa “Sɛ sodifo bi wɔ nneɛma te sɛ eyi nso ɛ?” betumi aboa ma moafi nkɔmmɔbɔ ase. Afei wubetumi akenkan Yesaia 9:6, 7.

5 Yɛn nyinaa, a mmofra a wɔkɔ sukuu ka ho, betumi de nsɛm a a wɔbɛka akyerɛ a ekura kyerɛwsɛm biako yi adi dwuma. Nokwarem no, ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ biako hwɛ bere a wode nsɛmma nhoma ma no. Kae, yɛn botae ne sɛ yebehu sɛnea ofiewura no anigye te, na yɛama no nhoma a ɛsɛ. So wunnye ntom sɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛte sɛɛ a yɛbɛka akyerɛ no bɛyɛ ɔkwan pa a yɛfa so hu sɛ ebia obi a otie yɛn no da nokware anigye adi? Yegye di sɛ pii ani begye ho sɛ wɔde nsɛm a yɛbɛka akyerɛ yi bedi dwuma wɔ February mu, bere a wɔde nsɛmma nhoma ne nhoma a yɛde ma wɔ ɔsram no mu ma no.

6 Sɛ wode wo nsrahwɛ no mu anibu 30 a edi kan no, wo nneyɛe ne wo nnianim asɛm nyinaa di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so a, ɛda adi sɛ wubedu wo botae titiriw a ɛne sɛ wobɛma afiewuranom atie no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena