Ɔkwan Pa A Yɛbɛfa So Asiesie Yɛn Ho Ama Asɛnka
1 Ɛtɔ mmere bi a, so wotwentwɛn wo nan ase sɛ wubenya asɛnka adwuma fa bi mu kyɛfa. Esiane sɛ wunnim nea wobɛka nti? Sɛ saa a yegye di se w’ani begye nea wɔde aba Yɛn Ahenni Som mu no ho.
2 Efi eyi so no, Yɛn Ahenni Som no de nyansahyɛ ahorow pii a yɛde bedi dwuma de aka Ahenni nkrasɛm no, wɔ ebia afie afie, sankɔhwɛ, anaa Bible adesua yɛ mu bɛma. Ɛsɛ sɛ eyinom kanyan w’adwene wɔ nsɛm a ‘wobɛpɛ sɛ woka wɔ ɔsom adwuma no mu no. Sɛ woresiesie wo ho ama ɔsom adwuma no a paw asɛm a wobɛka akyerɛ a eye ma ma asasesin no. Afei, hwɛ sɛ ebia wode nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa wɔ asɛm no mu no bedi dwuma anaa wobɛsakra mu ma ɛne mo hɔnom tebea horow anaa w’ankasa nipasu ahyia. Sɛ wode w’ankasa wo nsɛm ka asɛm a wobɛka akyerɛ no a ebetumi ayɛ nkɔmmɔbɔ kwan so de kɛse. So wobɛpɛ sɛ wotrɛw wo som adwuma mu wɔ ɔkwan bi so, na ebia woyɛ ne fã bi nea edi kan? Nyansahyɛ a emu da hɔ a wɔde ama no betumi ayɛ nea wuhia na woafi ase no pɛpɛɛpɛ
3 Sɛ wohwɛ asafo asɛnka nhyiam no biako so a, ɛsɛ sɛ wuhu nsɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no yiye. Sua wo de no yiye, na twe adwene si nyansahyɛ ahorow a ada adi yiye sɛ ebetu mpɔn wɔ mo hɔnom no so. Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ nhyiam no so no di kan paw nsɛntitiriw a wobesusuw ho dapɛn biara.
4 Yɛn nyinaa ani gye nneɛma a yɛyɛ no yiye no ho. Yɛwɔ anidaso sɛ ɔkwan pa yi bɛboa adawurubɔfo afoforofo ne wɔn a wɔn ho akokwaw kɛse no nyinaa ma wɔatu mpɔn na wɔn ani agye wo wɔn Ahenni som adwuma no mu.