Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/92 kr. 1
  • Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam “Ɔwɛn-Aban” Ne “Nyan!” A Yɛbɛma Wɔakra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Ɔwɛn-Aban no a Yɛde Bɛma wɔ June Mu
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Ɔwɛn-Aban Di Dwuma Wɔ May Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 5/92 kr. 1

Fa Ɔwɛn-Aban No Bɔ Asɛmpa no Dawuru

1 Ɔwɛn-Aban no yɛ soronko ankasa efisɛ ekura asɛmpa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nsɛm a enye a ɛma nkurɔfo botow na ɛwɔ wiase no nhoma ahorow no mu pii mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi akyerɛ afoforo sɛ Ɔwɛn-Aban no yɛ soronko, na ekura nkrasɛm a ɛma denhyɛ ankasa?

2 Yebetumi atwe adwene asi “Ɔwɛn-Aban No Atirimpɔw” a ɛwɔ nsɛmma nhoma no kratafa 2 no so. Da no adi sɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkamfo Yehowa sɛ Amansan Hene, ɛbɛhwɛ nsɛm a esisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu, ɛde awerɛkyekye nkrasɛm bɛma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ahyɛ gyidi wɔ Onyankopɔn nsiesiei ma nkwagye no mu den.

3 So nsɛm a yɛka fa Ɔwɛn-Aban no ho no da adwene a ɛte sɛɛ adi wɔ ɔkwan a ɛma wogye di so? Ɛnsɛ sɛ nea yɛka no yɛ anigyesɛm bi kɛkɛ a ɛkanyan bere tiaa mu anigye; ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea aba wom, na ɛkanyan ahotoso a ɛma wonya ɔpɛ sɛ wobesua pii.

4 Ahosiesie ho Hia: Ehia sɛ yɛde boasetɔ kenkan nsɛmma nhoma no mu biara, na yegyina yɛn asasesin no so hwehwɛ emu nsɛm ahorow no mu. Kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛm no mu a yebebue akenkan no ma yɛn ntease yɛ kɛse. Eyi betumi ama anisɔ a yɛwɔ ma nokware no mu ayɛ den, na akanyan yɛn ma yɛaka ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ nokware no nni yɛn komam a, nkuranhyɛ kakraa bi na yebenya de akasa.

5 Anigye a obi da no adi no na ɛkyerɛ nea yɛde bɛma no. Nanso esiane sɛ Ɔwɛn-Aban no kura nsɛmti ahorow pii nti, ebia yebetumi de biako anaa abien mu nsɛm akyerɛ ofiewura no de akanyan n’anigye wɔ ne kra ho.

6 Sɛ wokenkan Ɔwɛn-Aban a aba foforo no mu nsɛm a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkae nkɔmmɔ ahorow a wo ne afiewuranom abɔ atwam a nsɛmti yi kanyan anigye wom no. Bɔ mmɔden sɛ wode saa nsɛmma nhoma no bɛsan akɔ hɔ ma moatoa nkɔmmɔbɔ no so.

7 Yennim bere tenten a yɛde bɛbɔ asɛmpa no dawuru ne faako a yɛbɛyɛ saa akodu. Nanso, yebetumi agye adi sɛ Ɔwɛn-Aban no bedi dwuma titiriw wɔ nea yɛbɛyɛ no mu. Sɛ yɛde nsiesiei yi redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yesuasua asomafo no wɔ nsiyɛ a wɔde “kyerɛkyerɛe, na wɔkaa [Yehowa] asɛmpa no” mu.—Aso. 15:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena