Teokrase Nsɛmmansɛmma
Wɔde Bible adesua dwumadi a anya nkɔso titiriw ho amanneɛbɔ mae wɔ November mu fi aman a edidi so a nnansa yi ara na aban no agye yɛn adwuma no atom wɔ hɔ no mu:
Albania: Adawurubɔfo 99 yɛɛ Bible adesua 210.
Baltic States: Aman yi bɔɔ adawurubɔfo 2,199 ne Bible adesua 4,632 ho amanneɛ.
Bulgaria: Wɔn adawurubɔfo 296 no bɔɔ Bible adesua 657 ho amanneɛ.
Yɛn nsa aka amanneɛbɔ ahorow a ɛhyɛ nkuran dodow bi nso afi Afrika:
Central African Republic: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 1,600 wɔ October mu, na wobɔɔ ofie Bible adesua 2,966 ho amanneɛ.
Chad: Wonyaa adawurubɔfo 345 wɔ October mu, na nnipa 654 na wokotiee wɔn da koro nhyiam titiriw asia dwumadi no.
Rwanda: November mu no, adawurubɔfo 1,762 a wobu akontaa no yɛɛ ofie Bible adesua 6,270.
Saa amanneɛbɔ ahorow yi de adanse a ɛyɛ nwonwa ma sɛ mprempren Yehowa rema ne bɔhyɛ a ese ɔbɛma anoboaboa adwuma no akɔ so ntɛmntɛm wɔ yɛn bere yi mu no anya mmamu.—Yes. 60:22.