Mmofra—Momfa Ahokokwaw Nkyerɛ Mo Anammɔn Kwan
1 Yɛn Agya, Yehowa, ankasa kyerɛ mmofra honhom mu nkɔso ho anigye. Sɛ mmofra fi nyansam tie n’ahyɛde horow a ɔdɔ wom no a, ɛnyɛ ne koma nko na wɔma ani gye, na mmom wonya ɔhome ma wɔn kra nso. (Mmeb. 27:11; Mat. 11:28-30) Wɔma Yehowa kwan ma ɔde ahokokwaw kyerɛ wɔn anammɔn kwan.—Mmeb. 16:9.
2 Kristo Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ ne mmofraberem sɛ obi a onyaa Onyankopɔn ne nnipa nyinaa anim dom. (Luka 2:52) Ɛsɛ sɛ nnɛyi mmofra bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa ara. Ɛsɛ sɛ ahokwaw a abofra de kyerɛ n’anammɔn kwan no da adi wɔ honhom mu nneɛma a odi akyi no mu. Bere a Yesu dii mfe 12 no, na wonim sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo. (Luka 2:46, 47) Nnɛyi mmofra ada ɔpɛ a ɛte saa ara adi sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu akyerɛ afoforo.—wTW90 7/1 (Vol. 111 No. 13) nkr. 29-30; w87 12/1 kr. 21.
3 Dɛn na mo mmofra betumi ayɛ mprempren, ne titiriw wɔ akwamma asram a ɛreba no mu na ama ‘mode mo ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam’? (Mmeb. 3:9) Dɛn nti na momma bere a motaa de yɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no nkɔ anim, na ebia monsom mpo sɛ akwampaefo aboafo? Anigye kɛse ne mfaso afoforo a ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse a mubenya bɛma moanya no betumi ama mo ho adwiriw mo. Eyi nso bɛma moanya hokwan ne adawurubɔfo pii ayɛ asɛnka adwuma no. Ebia mubetumi afi ase nnɛ denam ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔn ho akokwaw a mobɛka akyerɛ wɔn ma wɔne mo ayɛ adwuma dapɛn yi awiei no so.
4 Awofo betumi de nkuranhyɛ ne mmoa kɛse ama wɔn mma denam nea wɔka kyerɛ a wobesua de aka asɛnka a wɔne wɔn bɛkɔ ho no so. Asafo no mufo afoforo a wɔn ho akokwaw betumi adi kan aka akyerɛ mmofra ma wɔabɛka wɔn ho ma wɔne wɔn akɔyɛ afie afie som adwuma ne sankɔhwɛ ne Bible adesua. Fekubɔ a emu yɛ den a wɔne saa adawurubɔfo a wɔyɛ den honhom mu benya no bɛhyɛ mmofra no den na aboa wɔn ma ‘wɔapere akɔ onyin mu.’—Heb. 6:1.
5 Ehia sɛ Kristoni biara ma ne nkyerɛkyerɛ nya nkɔso. Mmofra nso ka ho. So mo mmofra musiesie mo ho yiye ma dwumadi ahorow a munya hokwan de ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no? So mowɔ akenkan, kokoam adesua, ne nneɛma ho a wodwen ho daa bere nhyehyɛe? So mo ankasa mode nea musua no di dwuma ntɛm ara? So musiesie mo ho yiye ma adesua ahorow na ama moate asɛm no ase koraa, na moayɛ krado sɛ mobɛma mmuae? So mohyɛ nsɛm a ɛboa a wɔka wɔ adesua ase no nsow na mobɔ mmɔden sɛ mode nyansahyɛ ahorow a wɔda no adi wɔ Yɛn Ahenni Som mu no bedi dwuma?
6 Ɛnsɛ ɛsɛ mopow hokwan ahorow a ɛbɛma moanya Ahenni Asa so asiesie, na moaboa anuanom a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔadi dɛm ma wɔayɛ wɔn fie nnwuma ne nneɛma afoforo no mu kyɛfa no. Ɛnsɛ sɛ mubu mo ani gu so sɛ mubeyi ntoboa daa de aboa ma wɔatua Ahenni Asa ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma ho ka.
7 Sɛ ‘yɛhwɛ yɛn ho so sɛnea Yehowa nsɛm se’ na yɛma kwan ma ɔkyerɛ yɛn anammɔn kwan a, ɔbɛma yɛanya anigye ne ɔsom mu hokwan pii.—Dw. 119:9.