Boa Wɔn ma Wɔnyɛ Nkrasɛm no ho Biribi
1 Yɛn asɛnka adwuma no ma nkurɔfo nya hokwan ‘tie Adiyisɛm nkɔmhyɛ no mu nsɛm.’ (Adi. 1:3) Nanso sɛ wobetumi anya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse no” mu a, ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma nso. (Adi. 7:14) Ɛfa nnipa nkwa ho! Enti hwɛ hu sɛ woasan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye wɔ nsɛm a wode dii dwuma ɔsram yi mu biako ho no.
2 Sɛ wugyaw “Adiyisɛm Awiei” nhoma no a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Ɛyɛ me anigye sɛ mahu wo bio. Nnano a yehyiae no, yɛkaa Adiyisɛm nhoma no nkɔmhyɛ ahorow no biako ho asɛm, na migyaw wo nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ mu. Ebia wohyɛɛ no nsow sɛ Adiyisɛm nhoma no mu dɔ de, nanso yɛnam nsɛm a ɛresisi nnansa yi a yɛde bɛtoto Bible mu nokware atitiriw ho so betumi ate ase. Mɛpɛ sɛ mede bere tiaa bi ka nsɛm kakraa bi a Bible no ka fa yɛn mmere yi ho ho asɛm.” Afei dan kɔ nhoma a ɛfata a wubetumi de afi ofie Bible adesua ase so.
3 Sɛ wugyaw “So Wiase Yi Bɛkɔ So Atra Hɔ” kratawa no bi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Ɛyɛ me anigye sɛ mabɛto wo wɔ fie nnɛ. Bere a mebɛsraa wo nnansa yi no, yɛkaa nsɛm a ebesisi a ɛbom yɛ sɛnkyerɛnne a ɛbɛba bere a aka kakraa bi ma wiase no akɔ n’awiei no ho asɛm. [Tĩ sɛnkyerɛnne a ɛwɔ Mateo 24:3-14 no afã a ɛfata mu.] So woahu asɛm bi a asi wɔ wiase anaa yɛn mpɔtam ha nnansa yi a wususuw sɛ ɛyɛ saa sɛnkyerɛnne no fã bi mmamu?” Fa mfonini ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 16 no di dwuma ka Bible nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu binom ho asɛm. Sɛ worefi hɔ akɔ a, ka baguam ɔkasa a wɔbɛma no saa dapɛn no asɛmti, na to nsa frɛ no sɛ ɔmmɛka wo ho wɔ Ahenni Asa no so.
4 Sɛ wotoo nsa frɛɛ ofiewura no sɛ ɔmmra Nkaedi no a, ka eyi:
◼ “Nnano a mebɛsraa wo no, yɛkaa sɛnea Yesu wu no som bo ma adesamma no ho asɛm. Afei nso metoo nsa frɛɛ wo sɛ bra ne wu Nkaedi a Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛyɛ no March 26 no bi. Ɛnnɛ mereba abɛkae wo sɛ yɛto nsa frɛ wo sɛ bra saa adeyɛ a ɛho hia no. [Ka bere ne beae a wɔbɛhyɛ fã no kyerɛ no.] Sɛ yesusuw nhyira horow a yenya no mprempren esiane nea Yesu yɛ maa adesamma no nti, ne afei nhyira a ɛbɛba daakye no ho a, ebetumi aboa wo ma woanya bo a saa adeyɛ no som ho anisɔ.” Afei bɔ mmɔden ne no nsusuw nsɛmma nhoma a aba nnansa yi anaa Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 41 mu nsɛm a ɛfata ho. Wubetumi nso aka nkratafa 294, 299, ne 308 hɔ mfonini ahorow no ho asɛm. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ nhyehyɛe fa boa onigyeni no ma ɔmmra Nkaedi no.
5 Sɛ asɛm no nkutoo na onii no gyee no fɛw so a, eyi betumi atu mpɔn:
◼ “M’ani gyee Bible mu nkɔmmɔ a yɛbɔɔ no nnano no ho paa. Nea enti a masan aba ha ne sɛ, mepɛ sɛ wunya nea Onyankopɔn de ahyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua ne ho nsɛm pii bɔ no bi.” Kenkan Yohane 17:3, na afei dan adwene kɔ Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no so.
6 Ɛmmra sɛ nkwa a wopɛ ne agyede no ho anisɔ a wowɔ bɛka wo ma woasan akɔsra anigyefo. Boa wɔn ma wɔnyɛ Adiyisɛm nkrasɛm a ɛyɛ anigye no ho biribi. Kae sɛ “ɛbere [a wɔahyɛ] no abɛn”!—Adi. 1:3.